众使徒接纳保罗
1十四年后,我和巴拿巴又去耶路撒冷,并带了提多同去。 2我是遵照上帝的启示去的。我私下拜会了那些有名望的教会领袖,陈明我在外族人中间所传的福音,免得我过去或是现在的努力都白费了。 3跟我同去的提多虽然是希腊人,也没有人勉强他接受割礼。
4事情的缘由是因为有一些假信徒偷偷混了进来,要窥探我们在基督耶稣里享有的自由,想叫我们做律法的奴隶。 5但为了叫福音的真理常在你们当中,我们丝毫没有向他们妥协。
6至于那些德高望重的教会领袖,他们的地位对我来说无关紧要,因为上帝不以貌取人。他们对我所传的并没有增加什么。 7相反,他们都已看到,上帝委托我向外族人传福音,就像祂委托彼得向犹太人传福音一样。 8上帝感动了彼得,呼召他做犹太人的使徒,祂也同样感动了我,呼召我做外族人的使徒。 9当时被誉为教会柱石的雅各、矶法和约翰明白了上帝赐给我的恩典之后,就与我和巴拿巴用右手行相交之礼,让我们向外族人传福音,他们向受割礼的人传福音。 10他们只要求我们顾念那些贫困的人,这正是我一向热衷的事。
保罗面责矶法
11后来,矶法到了安提阿,因他做错了事,我就当面反对他。 12从雅各那里来的人抵达之前,他和外族的信徒一起吃饭。但那些人抵达以后,他因为怕那些坚持行割礼的犹太人批评,就与外族的信徒分开了。 13其他犹太基督徒也跟着他装假,甚至连巴拿巴也随从了他们的虚伪。 14我看见他们不照福音的真理行,就当众对矶法说:“你身为犹太人,如果行事为人像外族人,不像犹太人,又怎能强迫外族人按犹太人的规矩生活呢?”
15我们生来是犹太人,不是外族罪人, 16但我们知道人被称为义人不是靠遵行律法,而是靠信耶稣基督。所以我们信了基督耶稣,以便因信基督被称为义人,而不是靠遵行律法,因为无人能够靠遵行律法被称为义人。 17如果我们寻求在基督里被称为义人,结果却仍是罪人,难道基督助长罪恶吗?当然不是!
18倘若我重建我所拆毁的东西,就表明我是罪人。 19其实,我因无法满足律法的要求而向律法死了,使我可以为上帝而活。 20我已经与基督一同被钉在十字架上,现在活着的不再是我,而是基督活在我里面。我如今活在肉身中的生命是靠信上帝的儿子活着,祂爱我,为我舍命。 21我不废弃上帝的恩典,倘若靠遵行律法可以得到义,基督的死便毫无意义了。
Paulo Ne Asomafoɔ A Aka No
1Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho. 2Mekɔeɛ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kɔkoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dada ne deɛ megu so reyɛ no yɛ ɔkwa. 3Ɛwom sɛ me ɔboafoɔ Tito yɛ Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia. 4Asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. 5Yɛamma wɔn mu kwan koraa, sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu.
6Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka sɛ, menhunu wɔn ntam nsonsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7Na mmom, wɔhunuu sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara pɛ. 8Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro yɛ Yudafoɔ mu adwuma no pɛ. 9Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu. 10Wɔbisaa sɛ yɛnkae ahiafoɔ wɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ sɛ meyɛ no.
11Ɛberɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu wɔ badwa mu, ɛfiri sɛ, na ɔreyɛ mfomsoɔ. 12Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri sɛ, na ɔsuro wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ twetia no. 13Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ sɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho.
14Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ sɛ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so?
15“Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no. 16Yɛnim sɛ ansa na obi bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem wɔ Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ, ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.
17“Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18Na sɛ mehyɛ aseɛ yɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.
19“Ɛfiri sɛ, mpɛn dodoɔ a mepɛɛ sɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu, 20enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu. 21Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no yɛ ɔkwa.”