2. Krønikebog 30 – BPH & ASCB

Bibelen på hverdagsdansk

2. Krønikebog 30:1-27

Påskefejringen genindføres

1Kong Hizkija sendte bud til hele befolkningen i Israel30,1 På dette tidspunkt er Nordriget opløst som selvstændig stat og underlagt assyrisk herredømme. En stor del af befolkningen blev ført i eksil, men der er stadig israelitter tilbage, især i Efraim og Manasses stammeområder. og Juda og bad dem komme til templet i Jerusalem for at fejre påskefesten for Herren, Israels Gud. Der blev skrevet breve specielt til de to stammeområder nærmest mod nord, Efraim og Manasse. 2Kongen havde efter samråd med sine embedsmænd og Jerusalems ledere besluttet at holde en påskefest i årets anden måned. 3Påsken skulle efter de normale forskrifter holdes i årets første måned, men der var stadig for få indviede præster, og det havde ikke været muligt at give folket besked i god tid. 4Men både kongen og hans rådgivere mente, at det var i orden at fejre en forsinket påskehøjtid. 5Derfor sendte de besked til hele Israels befolkning fra Dan i nord til Be’ersheba i syd og indbød alle til at komme til Jerusalem og fejre påske for Herren, Israels Gud. Det var meget længe siden, man havde fejret påsken efter de givne forskrifter, hvor folk kom tilrejsende i stort tal.

6Altså blev der sendt budbringere ud over hele Israels land, samt Judas land, med følgende brev fra kongen og hans rådgivere:

Israelitter, vend tilbage til Herren, Abrahams, Isaks og Jakobs Gud, så vil han være nådig mod den rest af jer, som er undsluppet assyrerkongens magt. 7Gør ikke som jeres forfædre og slægtninge, der var troløse over for Herren, deres fædres Gud, og blev mishandlet, som I selv har set. 8Vær ikke lige så stædige som dem, men vend jer til Herren, mød op i hans helligdom, som for altid er indviet til ham, og tjen Herren, jeres Gud, så hans vrede imod jer kan høre op. 9Hvis I vender jer til ham, vil jeres slægtninge og børn få en barmhjertig behandling af deres fangevogtere og få lov til at drage tilbage til deres land. Herren, jeres Gud, er nådig og barmhjertig. Han vil ikke lade jer i stikken, hvis I vender om til ham.

10Kongens sendebud gik fra by til by i hele Efraim og Manasse og videre op til Zebulon i nord, men de blev stort set modtaget med latter og hån. 11Dog var der nogle i Asher, Manasse og Zebulon, som var villige til at ydmyge sig og møde op i Jerusalem. 12For Judas vedkommende var der et fælles, gudgivet ønske om at følge kongen og hans embedsmænds opfordring, der byggede på Herrens ord. 13Derfor samledes en stor menneskemængde i Jerusalem for at fejre påskehøjtiden i årets anden måned. 14De gjorde fælles front mod afgudsdyrkelsen i Jerusalem ved at nedrive alle de altre, der tidligere blev brugt til afgudsdyrkelsen, og smide dem ud i Kedrondalen.

15Den fjortende dag i årets anden måned slagtede de så påskelammene. Mange præster og levitter skammede sig over deres tidligere afgudsdyrkelse, og derfor gennemgik de renselsesceremonien og bragte brændofre til Herrens tempel. 16Efter forskrifterne i Toraen, som Guds tjener Moses havde givet dem, indfandt de sig på deres poster i templet og stænkede blodet, som levitterne rakte dem, på alteret.

17-19Eftersom mange af de tilrejsende, især fra Efraim, Manasse, Issakar og Zebulon, ikke havde været igennem renselsesceremonien og derfor var urene, slagtede levitterne deres påskelam for dem, så det blev et offer, Herren kunne acceptere. Kong Hizkija bad følgende bøn for dem: „Herre, du er en god Gud. Se i nåde til alle, der har besluttet at følge dig, deres fædres Gud, på trods af at de ikke har gennemgået renselsesceremonien.” Derefter fik de lov til at spise påskemåltidet, selv om det egentlig var i modstrid med reglerne. 20Herren hørte Hizkijas bøn og straffede dem ikke for det.

21I de følgende syv dage fejrede alle de israelitter, som var til stede i Jerusalem, med stor glæde de usyrnede brøds højtid.

Hver dag lovpriste levitterne og præsterne Herren af hele deres hjerte, 22og kongen roste levitterne for deres dygtighed. I løbet af de syv dage bragte folket mange takofre, og de holdt fest i taknemmelighed til Herren, deres fædres Gud.

23Alle folk var så glade og begejstrede, at man enstemmigt vedtog at forlænge højtiden med endnu syv dage. 24Kongen skænkede i den anledning 1000 ungtyre og 7000 stykker småkvæg, og de ledende mænd gav 1000 ungtyre og 10.000 stykker småkvæg. Da trådte endnu en gruppe præster frem og indviede sig til at tjene Herren helt og fuldt.

25Alle var lykkelige og glade, både Judas folk, præsterne, levitterne, gæsterne fra Israel og de fremmede, der havde bosat sig enten i Judas eller Israels land. 26Ikke siden kong Salomons tid havde der været en så vidunderlig højtidsfest i Jerusalem. 27Til sidst rejste præsterne og levitterne sig for at nedbede Herrens velsignelse over folket, og i sin bolig i Himlen hørte Herren deres bøn og velsignede dem alle.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 30:1-27

Hesekia Yɛ Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

1Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wɔnni Awurade, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no. 2Ɔhene no, ne mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu. 3Na anka wɔdi Twam Afahyɛ no bosome ansa na bosome a ɛtɔ so mmienu ahyɛ aseɛ, nanso na asɔfoɔ no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfoɔ no nso, na wɔmmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. 4Adwene a wɔyɛeɛ sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no, na ɛyɛ ma ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa. 5Enti, wɔbɔɔ no dawuro wɔ Israel nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmɛdi Awurade, Israel Onyankopɔn Twam Afahyɛ no bi. Na nnipa dodoɔ nni Twam Afahyɛ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ.

6Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka sɛ:

“Ao Israel manfoɔ, monsane mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɔbɛsane aba yɛn mu, nnipa kakra a yɛanya yɛn tiri adidi mu wɔ Asiria ahemfo nkonim a wɔdii yɛn so no. 7Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafoɔ a wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, a wɔyɛɛ aseredeɛ sɛdeɛ mo ankasa mohunu yi. 8Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so. 9Na sɛ mosane ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ. Sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so.”

Wɔdi Twam Afahyɛ No

10Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw. 11Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. 12Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma Awurade asɛm a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ no nkyɛn.

13Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no. 14Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu.

15Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Awurade Asɔredan mu. 16Obiara kɔgyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛdeɛ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara no kyerɛ no. Lewifoɔ no de mogya afɔrebɔdeɛ no brɛɛ asɔfoɔ no, maa wɔn nso pete guu afɔrebukyia no so. 17Esiane sɛ na ɔmanfoɔ no mu bebree nnwiraa wɔn ho enti, Lewifoɔ no na wɔkunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa no maa wɔn, nam so tee ho maa Awurade. 18Na wɔn a wɔfiri Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛseɛ no ara nnwiraa wɔn ho. Nanso, ɔhene Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na wɔmaa wɔn ɛkwan maa wɔdii Twam Afahyɛ aduane no bi a na anka ɛtia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ no mfa nnipa a 19wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛdi Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wɔnnwiraa wɔn ho yie mmaa afahyɛ no a.” 20Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfoɔ no yadeɛ.

21Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa Awurade de nnwontodeɛ a ano yɛ den gyegyee ho.

22Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.

23Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe. 24Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho. 25Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ. 26Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so. 27Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea hɔ.