Yosua 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 4:1-24

Aboɔ Dumienu Nkaeɛdum

1Ɛberɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 2“Yiyi mmarima dumienu firi ɔmanfoɔ no mu a ɔbaako biara firi abusuakuo no bi mu 3na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.”

4Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ no mu no a ɔbaako biara firi abusuakuo bi mu no, 5na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔdi Awurade, mo Onyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɛboɔ nto ne batiri so sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no dodoɔ te, 6na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo sɛ, ‘Saa aboɔ yi ase kyerɛ sɛn’ a, 7monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.”

8Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ. 9Yosua nso de aboɔ dumienu sii nkaeɛdum wɔ Yordan mfimfini wɔ baabi a na asɔfoɔ a wɔso apam Adaka no gyina hɔ. Ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

10Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so. 11Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi. 12Na akofoɔ a wɔahyɛ wɔn akodeɛ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu, Gad abusuakuo mu ne Manase abusuakuo fa mu akofoɔ no dii Israelfoɔ no anim twaa Yordan sɛdeɛ Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 13Saa akofoɔ yi, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔtwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.

14Saa ɛda no, Awurade yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfoɔ de obuo ne anidie maa no sɛdeɛ wɔde obuo ne anidie maa Mose no.

15Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, 16“Hyɛ asɔfoɔ a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, wɔmfiri subɔnhwa no mu hɔ mmra.” 17Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. 18Na ɛberɛ a asɔfoɔ a wɔso Awurade apam adaka no firii subɔnhwa no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan sane ka sram so tɛntɛntɛn te sɛ kane no.

19Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so edu no nnipa no foro firii Yordan kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Gilgal, Yeriko apueeɛ. 20Gilgal hɔ na Yosua boaa aboɔ dumienu a wɔde firi Asubɔnten Yordan mu baeɛ no ano. 21Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Daakye bi mo mma bɛbisa sɛ, ‘Saa aboɔ yi kyerɛ sɛn?’ 22Na mo nso moaka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛha ne beaeɛ a Israelfoɔ twaa Yordan wɔ asase wesee so no.’ 23Awurade, mo Onyankopɔn, maa nsuo no wee wɔ mo anim na ɔkɔɔ so ma ɛweeɛ ara kɔsii sɛ mo nyinaa twareeɛ, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no weeɛ ara kɔsii sɛ yɛn nyinaa twareeɛ. 24Ɔyɛɛ yei sɛdeɛ aman a wɔwɔ ewiase nyinaa bɛhunu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Onyankopɔn, daa nyinaa.”