Yosua 18 – ASCB & CCL

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 18:1-28

Asase A Aka No Mu Kyekyɛ

1Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo18.1 Silo a ɛfiri Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita 40 no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyedisom man wɔ Israel. Na Ahyiaeɛ Ntomadan no si hɔ ara kɔsii Samuel berɛ so (1 Sam 4.1-11) a wɔde kɔɔ Gibeon (1 Be 21.29). na wɔsii hyiadan. 2Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.

3Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no? 4Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no. 5Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara. 7Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.”

8Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” 9Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ.

10Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.

Asase A Wɔde Maa Benyamin

11Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.

12Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam. 13Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam.

14Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ.

15Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho, 16na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel. 17Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima). 18Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu, 19ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ.

20Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan.

Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.

Nkuro A Wɔde Maa Benyamin

21Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi:

Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23Awim, Para ne Ofra, 24Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ.

25Gibeon, Rama ne Beerot, 26Mispa, Kefira ne Mosa, 27Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ.

Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.

Mawu a Mulungu mu Chichewa Chalero

Yoswa 18:1-28

Kugawa kwa Madera Otsala a Dziko

1Atagonjetsa dziko lonse Aisraeli anasonkhana ku Silo ndipo anayimikako tenti ya msonkhano. 2Koma pa nthawiyo nʼkuti mafuko asanu ndi awiri a Aisraeli asanalandire cholowa chawo.

3Ndipo Yoswa anati kwa Aisraeli, “Kodi mudikira mpaka liti kuti mulowe ndi kulanda dziko limene Yehova Mulungu wa makolo anu wakupatsani? 4Sankhani amuna atatu kuchokera ku fuko lililonse ndipo ine ndidzawatuma kuti akayendere dzikolo ndi kukalilembera bwino kuti ndiligawe kukhala lawo. Akatero, abwererenso kwa ine. 5Aligawe dzikolo mʼzigawo zisanu ndi ziwiri; fuko la Yuda lidzakhale ndi dziko lake la kummwera ndi nyumba ya Yosefe ikhalebe mʼdziko lawo la kumpoto. 6Mudzalembe mawu ofotokoza za zigawo zisanu ndi ziwiri za dzikolo, ndi kubwera nawo kwa ine. Tsono ineyo ndidzakuchitirani maere pamaso pa Yehova Mulungu wanu. 7Alevi asakhale ndi dziko pakati panu, chifukwa gawo lawo ndi kutumikira Yehova pa ntchito ya unsembe. Ndipo Gadi, Rubeni ndi theka la fuko la Manase analandira kale cholowa chawo kummawa kwa Yorodani. Mose mtumiki wa Yehova ndiye anawapatsa.”

8Anthuwo akupita kukalembera dzikolo, Yoswa anawalangiza kuti, “Pitani mukayendere ndi kulembera dzikolo. Kenaka mukabwere kwa ine, ndidzakuchitirani maere kuno ku Silo pamaso pa Yehova.” 9Ndipo anthu anachoka ndi kukayendera dziko lonse. Iwo analemba bwinobwino mʼbuku za dzikolo, mzinda ndi mzinda. Analigawa magawo asanu ndi awiri, ndipo anabwerera kwa Yoswa ku misasa ya ku Silo. 10Pambuyo pake Yoswa anawachitira maere ku Silo pamaso pa Yehova, ndipo fuko lililonse la Israeli analigawira dziko lake.

Dziko la Benjamini

11Maere anagwera mabanja a fuko la Benjamini. Dziko limene anapatsidwa linali pakati pa fuko la Yuda ndi fuko la Yosefe:

12Mbali ya kumpoto malire awo anayambira ku Yorodani nalowera chakumpoto kwa matsitso a ku Yeriko kulowera cha kumadzulo kwa dziko la ku mapiri ndi kukafika ku chipululu cha Beti-Aveni. 13Kuchokera kumeneko malirewo analoza ku Luzi nadutsa mʼmbali mwa mapiri kummwera kwa Luzi (ndiye Beteli) ndipo anatsika mpaka ku Ataroti Adari, ku mapiri a kummwera kwa Beti-Horoni wa Kumunsi.

14Ndipo malirewo analowanso kwina, analunjika kummwera kuchokera kumadzulo kwake kwa phiri loyangʼanana ndi Beti-Horoni, mpaka ku mzinda wa Kiriyati Baala (ndiye Kiriati Yearimu), mzinda wa anthu a fuko la Yuda. Amenewa ndiye anali malire a mbali ya kumadzulo.

15Malire a kummwera anayambira mʼmphepete mwenimweni mwa Kiriati Yearimu napita kumadzulo mpaka kukafika ku akasupe a Nefitowa. 16Malire anatsikira mʼmphepete mwa phiri loyangʼanana ndi chigwa cha Beni Hinomu, kumpoto kwa chigwa cha Refaimu. Anapitirira kutsikira ku chigwa cha Hinomu kummwera kwa chitunda cha Ayebusi mpaka ku Eni Rogeli. 17Kenaka anakhotera kumpoto kupita ku Eni-Semesi, kupitirira mpaka ku Geliloti amene amayangʼanana ndi pokwera pa Adumimu. Kenaka malire anatsikira ku Mwala wa Bohani, mwana wa Rubeni. 18Anabzola cha kumpoto kwa chitunda cha Beti Araba ndi kutsikabe mpaka ku chigwa cha Yorodani. 19Anabzolanso cha kumpoto kwa chitunda cha Beti-Hogila kukafika cha kumpoto ku gombe la Nyanja ya Mchere kumene mtsinje wa Yorodani umathirirako, cha kummwera kwenikweni. Awa anali malire a kummwera.

20Yorodani ndiye anali malire a mbali ya kummawa.

Awa anali malire a dziko limene mabanja a fuko la Benjamini analandira.

21Mabanja a fuko la Benjamini anali ndi mizinda iyi;

Yeriko, Beti-Hogila, Emeki Kezizi, 22Beti-Araba, Zemaraimu, Beteli 23Avimu, Para, Ofiri, 24Kefari-Amoni, Ofini ndi Geba, mizinda khumi ndi awiri ndi midzi yake

25Panalinso Gibiyoni, Rama, Beeroti, 26Mizipa, Kefira, Moza 27Rekemu, Iripeeli, Tarala, 28Zera Haelefu, mzinda wa Ayebusi (ndiye kuti Yerusalemu) Gibeya ndi Kiriati, mizinda 14 ndi midzi yake.

Limeneli ndilo dziko limene mabanja a fuko la Benjamini analandira kuti likhale lawo.