Yohane 6 – ASCB & SNC

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 6:1-71

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

1Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no. 2Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi. 3Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra. 4Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.

5Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?” 6Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.

7Filipo buaa sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua.”

8Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ, 9“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?”

10Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. 11Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.

12Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.” 13Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

14Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no.” 15Yesu hunuu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no ɔhene no, ɔtwee ne ho firii wɔn mu kɔɔ bepɔ no so bio.

Yesu Nante Po So

16Onwunu dwoeɛ no, Yesu asuafoɔ no kɔɔ Galilea mpoano. 17Wɔtwɛn kɔsii sɛ adeɛ saeɛ na ɔmma no, wɔkɔtenaa kodoɔ mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum. 18Saa ɛberɛ no na ahum retu wɔ ɛpo so ama ɛpo no so ayɛ gyabagyaba. 19Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ, 20Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!” 21Asuafoɔ no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena kodoɔ no mu, nanso ntɛmpa ara kodoɔ no kɔduruu Kapernaum.

22Adeɛ kyeeɛ no, nnipa a na wɔwɔ Galilea ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafoɔ no tenaa mu kɔeɛ a na Yesu nka wɔn ho. 23Ankyɛre koraa na akodoɔ foforɔ bi firi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuo no aduane diiɛ no. 24Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nni hɔ no, wɔtenatenaa akodoɔ no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.

Yesu, Nkwa Aduane No

25Wɔduruu Kapernaum na wɔhunuu Yesu no, wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛberɛ bɛn na wobaa ha?”

26Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti. 27Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.”

28Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”

29Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”

30Nnipa no bisaa no bio sɛ, “Anwanwadeɛ bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa. 33Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”

34Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛn saa aduane no bi nni daa.”

35Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da. 36Sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, moahunu me nnwuma, nanso monnye me nni. 37Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38Na mefiri ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na ɛnyɛ mʼapɛdeɛ. 39Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ. 40MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.”

41Yudafoɔ no tee sɛ Yesu aka sɛ, “Mene aduane a ɛfiri ɔsoro” no, wɔnwiinwiiɛ. 42Wɔkɔɔ so kaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi ka sɛ ɔfiri ɔsoro na ɔbaeɛ?”

43Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnyae anwiinwii no. 44Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no. 45Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahunu Agya no pɛn, gye onipa a ɔfiri Agya no nkyɛn no. 47Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye me di a ɛma nkwa a ɛfiri no nya nkwa a ɛnni awieeɛ. 48Mene burodo a ɛma nkwa no. 49Mo nananom dii mana wɔ ɛserɛ so, nso wɔwuwuiɛ, 50nanso burodo a ɛfiri ɔsoro ba no yɛ burodo a obi di a ɔrenwu da. 51Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.”

52Asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ no bo fuiɛ ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi de ne honam ama yɛn sɛ aduane ama yɛadi?”

53Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. 54Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. 55Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56Obiara a ɔdi me honam sɛ aduane na ɔnom me mogya sɛ nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu. 57Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam sɛ aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. 58Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte sɛ mana a yɛn nananom dii wɔ ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa.” 59Ɛberɛ a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.

Yesu Akyidifoɔ No Mu Pii Twe Wɔn Ho

60Yesu akyidifoɔ no mu pii tee asɛm a ɔkaeɛ no, wɔkaa sɛ, “Saa asɛm yi deɛ, ɛkyere yɛn adwene. Hwan na ɔbɛte aseɛ?”

61Yesu hunuu sɛ nʼakyidifoɔ no renwiinwii no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Asɛm a mekaeɛ yi to mo suntidua anaa? 62Ɛnneɛ, ɛba sɛ Onipa Ba no resane akɔ ɔsoro, faako a ɔfiri baeɛ no a, ɛdeɛn na mobɛyɛ? 63Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64nanso mo mu bi nnye nni.” Ɛfiri ahyɛaseɛ no na Yesu hunuu wɔn a wɔnnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afiri ne ho. 65Ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Yei enti na meka kyerɛɛ mo sɛ, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho ɛkwan” no.

66Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.

67Yesu hunuu saa no, ɔbisaa asuafoɔ dumienu no sɛ, “Mo nso mobɛgyae mʼakyidie anaa?”

68Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 69Na yɛgye wo nsɛm no di na yɛnim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”

70Yesu kɔɔ so kaa sɛ, “Me ara na meyii mo dumienu yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71Asɛm a Yesu kaeɛ no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako a ɔbɛyi Yesu ama no ho.

Slovo na cestu

Jan 6:1-71

1Potom odšel Ježíš za moře Galilejské, jenž jest Tiberiadské. 2A šel za ním zástup veliký; nebo viděli divy jeho, kteréž činil nad nemocnými. 3I všel na horu Ježíš, a tam seděl s učedlníky svými. 4Byla pak blízko velikanoc, svátek Židovský. 5Tedy pozdvih očí Ježíš a viděv, že zástup veliký jde k němu, dí k Filipovi: Kde nakoupíme chlebů, aby pojedli tito? 6(Ale to řekl pokoušeje ho; nebo on sám věděl, co by měl učiniti.) 7Odpověděl jemu Filip: Za dvě stě peněz chlebů nepostačí jim, aby jeden každý z nich něco maličko vzal. 8Dí jemu jeden z učedlníků jeho, Ondřej, bratr Šimona Petra: 9Jestiť mládenček jeden zde, kterýž má pět chlebů ječných a dvě rybičky. Ale coť jest to mezi tak mnohé? 10I řekl Ježíš: Rozkažtež lidu, ať se usadí. A bylo trávy mnoho na tom místě. I posadilo se mužů v počtu okolo pěti tisíců. 11Tedy Ježíš vzal ty chleby, a díky učiniv, rozdával učedlníkům, učedlníci pak sedícím; též podobně z těch rybiček, jakž jsou mnoho chtěli. 12A když byli nasyceni, řekl učedlníkům svým: Sbeřte ty drobty, kteříž zůstali, ať nezhynou. 13I sebrali a naplnili dvanácte košů drobtů z pěti chlebů ječných, kteříž pozůstali po těch, jenž jedli. 14Ti pak lidé, uzřevše ten div, kterýž učinil Ježíš, pravili: Tento jest jistě prorok, kterýž měl přijíti na svět. 15Tedy Ježíš věda, že by měli přijíti a chytiti jej, aby ho učinili králem, ušel na horu opět sám jediný. 16Když pak byl večer, sstoupili učedlníci jeho k moři. 17A vstoupivše na lodí, plavili se přes moře do Kafarnaum. A bylo již tma, a nepřišel byl Ježíš k nim. 18Moře pak dutím velikého větru zdvihalo se. 19A odplavivše se honů jako pětmecítma nebo třidceti, uzřeli Ježíše, an chodí po moři a přibližuje se k lodí. I báli se. 20On pak řekl jim: Jáť jsem, nebojte se. 21I vzali ho na lodí ochotně, a hned přiběhla k zemi, do kteréž se plavili. 22Nazejtří pak zástup, kterýž byl za mořem, viděv, že jiné lodičky nebylo, než ta jedna, na kterouž byli vstoupili učedlníci jeho, a že Ježíš nebyl všel s učedlníky svými na lodí, ale sami učedlníci jeho byli se plavili, 23(Jiné pak lodí byly připlouly od Tiberiady k tomu místu blízko, kdežto byli jedli chléb, když díky učinil Pán,) 24Když tedy uzřel zástup, že Ježíše tu není, ani učedlníků jeho, vstoupili i oni na lodí, a přijeli do Kafarnaum, hledajíce Ježíše. 25A nalezše ho za mořem, řekli jemu: Mistře, kdy jsi sem přišel? 26Odpověděl jim Ježíš a řekl: Amen, amen pravím vám: Hledáte mne, ne protože jste divy viděli, ale že jste jedli chleby a nasyceni jste. 27Pracujte ne o pokrm, kterýž hyne, ale o ten pokrm, kterýž zůstává k životu věčnému, kterýž Syn člověka dá vám. Nebo tohoť jest potvrdil Bůh Otec. 28Tedy řekli jemu: Co budeme činiti, abychom dělali dílo Boží? 29Odpověděl Ježíš a řekl jim: Totoť jest to dílo Boží, abyste věřili v toho, kteréhož on poslal. 30I řekli jemu: Jakéž pak ty znamení činíš, abychom viděli a věřili tobě? Co děláš? 31Otcové naši jedli mannu na poušti, jakož psáno jest: Chléb s nebe dal jim jísti. 32Tedy řekl Ježíš: Amen, amen pravím vám: Ne Mojžíš dal vám chléb s nebe, ale Otec můj vám dává ten chléb s nebe pravý. 33Nebo chléb Boží ten jest, kterýž sstupuje s nebe a dává život světu. 34A oni řekli jemu: Pane, dávejž nám chléb ten vždycky. 35I řekl jim Ježíš: Jáť jsem ten chléb života. Kdož přichází ke mně, nebude nikoli lačněti, a kdož věří ve mne, nebude žízniti nikdy. 36Ale pověděl jsem vám, anobrž viděli jste mne, a nevěříte. 37Všecko, což mi dává Otec, ke mně přijde, a toho, kdož ke mně přijde, nevyvrhu ven. 38Nebo jsem sstoupil s nebe, ne abych činil vůli svou, ale vůli toho, jenž mne poslal. 39Tatoť jest pak vůle toho, kterýž mne poslal, Otcova, abych všecko, což mi dal, neztratil toho, ale vzkřísil to v nejposlednější den. 40A tatoť jest vůle toho, kterýž mne poslal, aby každý, kdož vidí Syna a věří v něho, měl život věčný. A jáť jej vzkřísím v den nejposlednější. 41I reptali Židé na něho, že řekl: Já jsem chléb, kterýž jsem s nebe sstoupil. 42A pravili: Zdaliž tento není Ježíš, syn Jozefův, jehož my otce i matku známe? Kterak pak dí tento: S nebe jsem sstoupil? 43Tedy odpověděl Ježíš a řekl jim: Nerepcete vespolek. 44Však žádný nemůž přijíti ke mně, jediné leč Otec můj, kterýž mne poslal, přitrhl by jej; a jáť jej vzkřísím v den nejposlednější. 45Psáno jest v Prorocích: A budou všickni učeni od Boha. Protož každý, kdož slyšel od Otce a naučil se, jdeť ke mně. 46Ne že by kdo viděl Otce, jediné ten, kterýž jest od Boha, tenť jest viděl Otce. 47Amen, amen pravím vám: Kdož věří ve mne, máť život věčný. 48Jáť jsem ten chléb života. 49Otcové vaši jedli mannu na poušti, a zemřeli. 50Totoť jest chléb ten s nebe sstupující. Kdožť by koli jej jedl, neumřeť. 51Jáť jsem ten chléb živý, jenž jsem s nebe sstoupil. Bude-li kdo jísti ten chléb, živ bude na věky. A chléb, kterýž já dám, tělo mé jest, kteréž já dám za život světa. 52Tedy hádali se Židé vespolek, řkouce: Kterak tento může dáti nám tělo své jísti? 53I řekl jim Ježíš: Amen, amen pravím vám: Nebudete-li jísti těla Syna člověka a píti krve jeho, nemáte života v sobě. 54Kdož jí mé tělo a pije mou krev, máť život věčný, a jáť jej vzkřísím v nejposlednější den. 55Nebo tělo mé právě jest pokrm, a krev má právě jest nápoj. 56Kdo jí mé tělo a pije mou krev, ve mně přebývá a já v něm. 57Jakož mne poslal ten živý Otec, a já živ jsem skrze Otce, tak kdož jí mne, i on živ bude skrze mne. 58Totoť jest ten chléb, kterýž s nebe sstoupil. Ne jako otcové vaši jedli mannu, a zemřeli. Kdož jí chléb tento, živť bude na věky. 59Toto mluvil Ježíš v škole, uče v Kafarnaum. 60Tedy mnozí z učedlníků jeho, slyševše to, řekli: Tvrdáť jest toto řeč. Kdo ji může slyšeti? 61Ale věda Ježíš sám v sobě, že by proto reptali učedlníci jeho, řekl jim: To vás uráží? 62Co pak, kdybyste uzřeli Syna člověka, an vstupuje, kdež prve byl? 63Duch jest, jenž obživuje, těloť nic neprospívá. Slova, kteráž já mluvím vám, Duch a život jsou. 64Ale jsouť někteří z vás, ješto nevěří. Nebo věděl Ježíš od počátku, kdo by byli nevěřící, a kdo by ho měl zraditi. 65I pravil: Protož jsem vám řekl, že žádný nemůže přijíti ke mně, leč by dáno bylo od Otce mého. 66A z toho mnozí z učedlníků jeho odešli zpět, a nechodili s ním více. 67Tedy řekl Ježíš ke dvanácti: Zdali i vy chcete odjíti? 68I odpověděl jemu Šimon Petr: Pane, k komu půjdeme? A ty slova věčného života máš. 69A my jsme uvěřili, a poznali, že jsi ty Kristus, Syn Boha živého. 70Odpověděl jim Ježíš: Však jsem já vás dvanácte vyvolil, a jeden z vás ďábel jest. 71A to řekl o Jidášovi synu Šimona Iškariotského; nebo ten jej měl zraditi, byv jeden ze dvanácti.