Yoɛl 1 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Yoɛl 1:1-20

1Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

Ɛda A Ntutummɛ No Bɛba

2Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;

montie, mo a mote asase no so nyinaa.

Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so

anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

3Monka nkyerɛ mo mma,

na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma

na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no

ntutummɛ akɛseɛ no awe

deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no

ntutummɛ nkumaa no awe

deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no

ntutummɛ afoforɔ awe.

5Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!

Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;

montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no

wɔayi afiri mo ano.

6Ɔman bi atu mʼasase so sa

ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;

wɔn se te sɛ gyata se

na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.

7Wɔasɛe me bobe

ne me borɔdɔma nnua.

Wawaawae nnua no ho bona,

ato agu

agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.

8Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma

na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.

9Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,

wɔayi afiri Awurade efie.

Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,

wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

10Mfuo asɛe,

asase no so awo wesee

aduane no asɛe

nsã foforɔ no awe

ngo nyinaa asa.

11Mo ani nwu, mo akuafoɔ,

mo ntwa adwo, mo a modua bobe;

Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,

ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.

12Bobe no akusa

na borɔdɔma nnua no awuwu.

Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne

nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.

Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no

atu ayera.

13Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;

mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.

Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ

mo a mosom Onyankopɔn anim;

ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no

ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.

14Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;

momfrɛ nhyiamu kronkron.

Monfrɛ mpanimfoɔ

ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa

mmra Awurade mo Onyankopɔn efie

na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

15Ɛda no aba!

Awurade ɛda no abɛn;

Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.

16Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,

sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa

wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?

17Aba no wu wɔ asase wesee mu,

adekoradan abubu,

aburopata nso ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ nnuane no ahye.

18Sɛdeɛ anantwie su!

Na anantwikuo kyinkyini kwa.

Nnwankuo mpo rebrɛ

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.

19Awurade, wo na mesu frɛ wo,

ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea

na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.

20Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.

Nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.

New International Reader’s Version

Joel 1:1-20

1A message from the Lord came to Joel, the son of Pethuel. Here is what Joel said.

Locusts Attack the Land

2Elders, listen to me.

Pay attention, all you who live in the land.

Has anything like this ever happened in your whole life?

Did it ever happen to your people

who lived long ago?

3Tell your children about it.

Let them tell their children.

And let their children tell it

to those who live after them.

4The giant locusts have eaten

what the common locusts have left.

The young locusts have eaten

what the giant locusts have left.

And other locusts have eaten

what the young locusts have left.

5Get up and weep, you people who drink too much!

Cry, all you who drink wine!

Cry because the fresh wine

has been taken away from you.

6The locusts are like a mighty army

that has marched into our land.

There are so many of them

they can’t even be counted.

Their teeth are as sharp as a lion’s teeth.

They are like the fangs of a female lion.

7The locusts have completely destroyed our vines.

They have wiped out our fig trees.

They’ve stripped off the bark and thrown it away.

They’ve left the branches bare.

8My people, mourn like a virgin

who is dressed in the clothes of sadness.

She is sad because she has lost

the young man she was going to marry.

9No one brings grain offerings and drink offerings

to the Lord’s house anymore.

So the priests who serve the Lord

are filled with sorrow.

10Our fields are wiped out.

The ground is dried up.

The grain is destroyed.

The fresh wine is gone.

And there isn’t any more olive oil.

11Farmers, be sad.

Cry, you who grow vines.

Mourn because the wheat and barley are gone.

The crops in the fields are destroyed.

12The vines and fig trees are dried up.

The pomegranate, palm and apple trees

don’t have any fruit on them.

In fact, all the trees in the fields are dried up.

And my people’s joy has faded away.

A Call to Mourn

13Priests, put on the clothing of sadness and mourn.

Cry, you who serve at the altar.

Come, you who serve my God in the temple.

Spend the night dressed in the clothes of sadness.

Weep because no one brings grain offerings and drink offerings

to the house of your God anymore.

14Announce a holy fast.

Tell the people not to eat anything.

Gather them together for a special service.

Send for the elders

and all who live in the land.

Have them come to the house of the Lord your God.

And pray to him.

15The day of the Lord is near.

How sad it will be on that day!

The Mighty One is coming to destroy you.

16Our food has been taken away

right in front of our eyes.

There isn’t any joy or gladness

in the house of our God.

17The seeds have dried up in the ground.

The grain is also gone.

The storerooms have been destroyed.

The barns are broken down.

18Listen to the cattle groan!

The herds wander around.

They don’t have any grass to eat.

The flocks of sheep are also suffering.

19Lord, I call out to you.

Fire has burned up the desert grasslands.

Flames have destroyed all the trees in the fields.

20Even the wild animals cry out to you for help.

The streams of water have dried up.

Fire has burned up the desert grasslands.