Yesaia 60 – ASCB & NAV

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 60:1-22

Sion Animuonyam

1“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,

na Awurade animuonyam apue wo so.

2Hwɛ, esum akata asase so

na esum kabii akata aman no so,

nanso Awurade apue wo so

na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so.

3Amanaman bɛba wo hann no mu,

na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo.

4“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:

wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;

wo mmammarima fifiri akyirikyiri,

na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.

5Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate,

wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma;

ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo,

na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn.

6Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma,

yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa.

Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba,

wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam

na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie.

7Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo,

Nebaiot nnwennini bɛsom wo;

wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so,

na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam.

8“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum,

te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi?

9Ampa ara nsupɔ no ani da me so;

Tarsis ahyɛn na wɔdi anim,

wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba,

wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ,

de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam,

Israel Kronkronni No,

ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.

10“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio,

na wɔn ahemfo bɛsom wo.

Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ,

nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.

11Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara,

wɔrentoto mu awia anaa anadwo,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo,

a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim.

12Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera,

wɔbɛsɛe no pasaa.

13“Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn,

pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu,

abɛsiesie me kronkronbea hɔ;

na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam.

14Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo;

wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase

na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn,

Israel Kronkronni, Sion.

15“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo,

a obiara ntu kwan mfa wo mu,

nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa

ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ.

16Wobɛnom amanaman nufosuo no

na woanum adehyeɛ nufoɔ.

Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,

wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no.

17Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo,

na dwetɛ asi dadeɛ anan mu.

Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo,

na dadeɛ asi aboɔ anan mu.

Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado

na tenenee ayɛ wo sodifoɔ.

18Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio,

anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so.

Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ

ne wʼapono sɛ Ayɛyie.

19Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio

na ɔsrane hann renhyerɛn wo so,

ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann,

na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam.

20Wʼawia rentɔ bio,

wo srane rennum bio,

Awurade bɛyɛ wo daapem hann,

na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.

21Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ

na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ.

Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ

me nsa ano adwuma a

ɛbɛda mʼanimuonyam adi.

22Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem,

na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ.

Mene Awurade;

na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”

Ketab El Hayat

إشعياء 60:1-22

المجد المنتظر

1قُومِي اسْتَضِيئِي، فَإِنَّ نُورَكِ قَدْ جَاءَ، وَمَجْدَ الرَّبِّ أَشْرَقَ عَلَيْكِ. 2هَا إِنَّ الظُّلْمَةَ تَغْمُرُ الأَرْضَ، وَاللَّيْلَ الدَّامِسَ يَكْتَنِفُ الشُّعُوبَ، وَلَكِنَّ الرَّبَّ يُشْرِقُ عَلَيْكِ، وَيَتَجَلَّى مَجْدُهُ حَوْلَكِ، 3فَتُقْبِلُ الأُمَمُ إِلَى نُورِكِ، وَتَتَوَافَدُ الْمُلُوكُ إِلَى إِشْرَاقِ ضِيَائِكِ. 4تَأَمَّلِي حَوْلَكِ وَانْظُرِي، فَهَا هُمْ جَمِيعاً قَدِ اجْتَمَعُوا، وَأَتَوْا إِلَيْكِ. يَجِيءُ أَبْنَاؤُكِ مِنْ مَكَانٍ بَعِيدٍ، وَتُحْمَلُ بَنَاتُكِ عَلَى الأَذْرُعِ. 5عِنْدَئِذٍ تَنْظُرِينَ وَتَتَهَلَّلِينَ، وَتَطْغَى الإِثَارَةُ عَلَى قَلْبِكِ، وَتَمْتَلِئِينَ فَرَحاً لأَنَّ ثَرْوَاتِ الْبَحْرِ تَتَحَوَّلُ إِلَيْكِ وَغِنَى الأُمَمِ يَتَدَفَّقُ عَلَيْكِ. 6تَكْتَظُّ أَرْضُكِ بِكَثْرَةِ الإِبِلِ. مِنْ أَرْضِ مِدْيَانَ وَعِيفَةَ تَغْشَاكِ بَوَاكِيرُ، تَتَقَاطَرُ إِلَيْكِ مِنْ شَبَا مُحَمَّلَةً بِالذَّهَبِ وَاللُّبَانِ وَتُذِيعُ تَسْبِيحَ الرَّبِّ. 7جَمِيعُ قُطْعَانِ قِيدَارَ تَجْتَمِعُ إِلَيْكِ، وَكِبَاشُ نَبَايُوتَ تَخْدُمُكِ، تُقَدِّمُ قَرَابِينَ مَقْبُولَةً عَلَى مَذْبَحِي، وَأُمَجِّدُ بَيْتِي الْبَهِيَّ.

8مَنْ هُؤُلاءِ الطَّائِرُونَ كَالسَّحَابِ وَكَالْحَمَامِ إِلَى أَعْشَاشِهَا؟ 9فَالْجَزَائِرُ تَنْتَظِرُنِي، وَفِي الطَّلِيعَةِ سُفُنُ تَرْشِيشَ حَامِلَةٌ أَبْنَاءَكِ لِتَأْتِيَ بِهِمْ مِنْ أَرْضٍ بَعِيدَةٍ، وَمَعَهُمْ فِضَّتُهُمْ وَذَهَبُهُمْ، تَكْرِيماً لاسْمِ الرَّبِّ إِلَهِكِ وَلِقُدُّوسِ إِسْرَائِيلَ لأَنَّهُ قَدْ مَجَّدَكِ.

10يُعَمِّرُ الْغُرَبَاءُ أَسْوَارَكِ، وَيَخْدُمُكِ مُلُوكُهُمْ، لأَنِّي فِي غَضَبِي عَاقَبْتُكِ، وَفِي رِضَايَ رَحَمْتُكِ. 11تَنْفَتِحُ أَبْوَابُكِ دَائِماً وَلا تُوْصَدُ لَيْلَ نَهَارَ، لِيَحْمِلَ إِلَيْكِ النَّاسُ ثَرْوَةَ الأُمَمِ، وَفِي مَوْكِبٍ يُسَاقُ إِلَيْكِ مُلُوكُهُمْ، 12لأَنَّ الأُمَّةَ وَالْمَمْلَكَةَ الَّتِي لَا تَخْضَعُ لَكِ تَهْلِكُ، وَهَذِهِ الشُّعُوبُ تَتَعَرَّضُ لِلْخَرَابِ السَّاحِقِ. 13يَأْتِي إِلَيْكِ مَجْدُ لُبْنَانَ بِسَرْوِهِ وَسِنْدِيَانِهِ وَشِرْبِينِهِ لِتَزْيِينِ مَوْضِعِ مَقْدِسِي، فَأَجْعَلُ مَوْطِئَ قَدَمَيَّ مَجِيداً.

14وَيُقْبِلُ إِلَيْكِ أَبْنَاءُ مُضَايِقِيكِ خَاضِعِينَ، وَكُلُّ الَّذِينَ احْتَقَرُوكِ يَنْحَنُونَ عِنْدَ قَدَمَيْكِ، وَيَدْعُونَكِ مَدِينَةَ الرَّبِّ، صِهْيَوْنَ قُدُّوسِ إِسْرَائِيلَ. 15وَبَعْدَ أَنْ كُنْتِ مَهْجُورَةً مَمْقُوتَةً لَا يَعْبُرُ بِكِ أَحَدٌ، سَأَجْعَلُكِ بَهِيَّةً إِلَى الأَبَدِ، وَفَرَحَ كُلِّ الأَجْيَالِ، 16وَتَشْرَبِينَ لَبَنَ الأُمَمِ، وَتَرْضَعِينَ ثُدِيَّ الْمُلُوكِ، وَتُدْرِكِينَ أَنِّي أَنَا الرَّبُّ مُخَلِّصُكِ وَفَادِيكِ عَزِيزُ يَعْقُوبَ. 17وَعِوَضاً عَنِ النُّحَاسِ أَجْلِبُ لَكِ الذَّهَبَ، وَبَدَلَ الْحَدِيدِ آتِي لَكِ بِالْفِضَّةِ، وَعِوَضَ الْخَشَبِ نُحَاساً، وَبَدَلَ الْحِجَارَةِ حَدِيداً، وَأَجْعَلُ وُلاتَكِ مَصْدَرَ سَلامٍ، وَمُسَخِّرِيكِ يَعَامِلُونَكِ بِالْعَدْلِ.

18وَلا يُسْمَعُ بِظُلْمٍ فِي أَرْضِكِ، وَلا بِدَمَارٍ أَوْ خَرَابٍ دَاخِلَ تُخُومِكِ، وَتَدْعِينَ أَسْوَارَكِ خَلاصاً، وَبَوَّابَاتِكِ تَسَابِيحَ. 19وَلا تَعُودُ الشَّمْسُ نُوراً لَكِ فِي النَّهَارِ وَلا يُشْرِقُ ضَوْءُ الْقَمَرِ عَلَيْكِ لأَنَّ الرَّبَّ يَكُونُ نُورَكِ الأَبَدِيَّ، وَإِلَهُكِ يَكُونُ مَجْدَكِ. 20وَلا تَغْرُبُ شَمْسُكِ مِنْ بَعْدُ، وَلا يَتَضَاءَلُ قَمَرُكِ، لأَنَّ الرَّبَّ يَكُونُ نُورَكِ الأَبَدِيَّ، وَتَنْقَضِي أَيَّامُ مَنَاحَتِكِ. 21وَيَكُونُ شَعْبُكِ جَمِيعاً أَبْرَاراً وَيَرِثُونَ الأَرْضَ إِلَى الأَبَدِ، فَهُمْ غُصْنُ غَرْسِي وَعَمَلُ يَدَيَّ لأَتَمَجَّدَ. 22وَيَضْحَى أَقَلُّهُمْ أَلْفاً، وَأَصْغَرُهُمْ أُمَّةً قَوِيَّةً، أَنَا الرَّبُّ أُسْرِعُ فِي تَحْقِيقِ ذَلِكَ فِي حِينِهِ.