Yesaia 36 – ASCB & NSP

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 36:1-22

Sanaherib Hunahuna Yerusalem

1Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. 2Afei, Asiriahene somaa nʼananmusifoɔ firi Lakis a akodɔm kɛseɛ ka ne ho kɔhyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a ɔsahene no bɛgyinaa nsudorobɛn bi a ɛfiri Atifi Tadeɛ de kɔ Ntomasifoɔ Atenaeɛ hɔ no, 3Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no.

4Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ,

“ ‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 5Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua? 6Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 7Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa?

8“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 9Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. 10Bio, wogye di sɛ, maba sɛ merebɛto ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ”

11Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri36.11 Hebri kasa yɛɛ kasa a na wɔde di nkutaho saa berɛ no. Ɛfiri 5 AWK no, Hebri kasa bɛyɛɛ Yudafoɔ kasa. na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.”

12Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”

13Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn! 14Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo! 15Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ.

16“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu, 17kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase.

18“Mommma Hesekia nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? 19Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa? 20Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”

21Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.

22Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no.

New Serbian Translation

Књига пророка Исаије 36:1-22

Сенахеримови напади

1Четрнаесте године цара Језекије, асирски цар Сенахерив је напао све утврђене јудејске градове и освојио их. 2Међутим, асирски цар пошаље из Лахиса цару Језекији у Јерусалим Равсака с јаком војском. Овај се зауставио код Горњег језера на путу за Бељарево поље. 3И пред њега је изашао управник двора Елијаким син Хелкијин, писар Сомна и дворски саветник Јоах син Асафов.

4Тада им Равсак рече: „Реците Језекији:

’Овако каже велики цар Асирије: у шта се то уздаш? 5Зар мислиш да су саме речи савет и сила за рат? На кога се ослањаш, да си се побунио против мене? 6Да се можда не уздаш у Египат, у тај сломљени штап од трске, који убада и пробија шаку ономе ко се на њега наслања? Такав је фараон, египатски цар, свакоме ко се ослони на њега. 7А ако ми кажеш: „Ми се поуздајемо у Господа, Бога нашег!“ Па није ли баш Језекија срушио његове узвишице и жртвенике, рекавши Јуди и Јерусалиму: клањаћете се једино пред овим жртвеником.

8А сад, хајде, опклади се са мојим господарем, асирским царем: даћу ти две хиљаде коња, ако си у стању да нађеш јахаче да их јашу. 9Како ћеш онда одбити и једног војводу који је међу најмањим слугама мога господара? Но, ти се уздаш у Египат да ће ти дати коње и коњанике. 10Коначно, јесам ли ја без одобрења Господњег пошао против ове земље да је разорим? Господ је мени рекао: „Дигни се на ту земљу и разори је!“’“

11Тада су Елијаким, Сомна, и Јоах рекли Равсаку: „Говори својим слугама арамејски, јер ми разумемо; не разговарај са нама јудејски да те слуша народ на зидинама.“

12Али Равсак им је рекао: „Зар ме је мој господар послао да само вашем господару и вама кажем ове речи, а не баш онима који седе на зидинама, који ће с вама морати да једу свој измет и пију своју мокраћу?“

13Равсак, затим, устаде и повика снажним гласом на јудејском: „Чујте речи великог цара, асирског цара: овако каже цар: ’Не дајте да вас Језекија заварава, јер он вас не може избавити из моје руке.’ 14Овако каже цар: ’Не дајте да вас Језекија заварава, јер вас не може избавити. 15Не дајте да вам Језекија улива поуздање у Господа говорећи: „Господ ће вас сигурно избавити; овај град неће пасти у руке асирском цару.“’

16Не слушајте Језекију, јер овако каже асирски цар: ’Склопите мир са мном и изађите к мени, па ће сваки од вас јести своје грожђе и своје смокве и пити воду из свога студенца, 17док не дођем и не одведем вас у земљу као што је ваша земља, у земљу жита и младог вина, у земљу хлеба и винограда.’

18Не дајте да вас Језекија убеђује говорећи: ’Господ ће вас избавити.’ Да ли је који бог избавио своју земљу из руке асирског цара? 19Где су богови аматски и арфадски? Где су богови сефарвимски? Јесу ли избавили Самарију из моје руке? 20Који су међу свим боговима тих земаља избавили своју земљу из моје руке? Како ће онда Господ избавити Јерусалим из моје руке?“

21А они су ћутали и нису одговарали ни реч, јер је цар био заповедио: „Не одговарајте му!“

22Тада су управитељ двора Елијаким, син Хелкијин, писар Сомна и Асафов син Јоах, дворски саветник, дошли пред Језекију. Раздрли су своју одећу и саопштили му шта је Равсак рекао.