Yesaia 33 – ASCB & LCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 33:1-24

Ahohia Ne Mmoa

1Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria,

wo a wɔnnsɛee woɔ!

Due, Ao ɔfatwafoɔ,

wo a wɔnnii wo hwammɔ!

Sɛ wowie ade sɛe a,

wɔbɛsɛe wo;

sɛ wowie hwammɔdie a,

wɔbɛdi wo hwammɔ.

2Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ;

yɛn ani da wo so.

Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,

ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu.

3Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane;

sɛ woma wo ho so a, amanaman no bɔ hwete.

4Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no;

saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so.

5Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;

ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.

6Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so,

nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ;

Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.

7Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so;

asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.

8Akwantempɔn no so da hɔ kwa,

akwantufoɔ biara nni akwan no so.

Wɔabu apam no so;

wɔbu nʼadansefoɔ animtia

wɔmmu obiara.

9Asase no awo wesee na ɛresɛe,

Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;

Saron ayɛ sɛ Araba,

Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.

10“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ.

“Afei na wɔbɛpagya me;

afei na wɔbɛma me so akɔ soro.

11Monyinsɛne ntɛtɛ,

na mo wo ɛserɛ;

mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo.

12Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo;

wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.”

13Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ;

mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!

14Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa;

ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame:

“Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena?

Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”

15Deɛ ɔnante tenenee mu

na ɔdi nokorɛ

deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba

na ɔnnye adanmudeɛ,

deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ

deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,

16saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ.

Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no.

Wɔde nʼaduane bɛma no

na ne nsuo mmɔ no.

17Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu

na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no.

18Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho:

“Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he?

Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he?

Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?”

19Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio,

wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ,

na monte deɛ wɔka no ase no.

20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;

mo ani bɛhunu Yerusalem,

asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu;

wɔrentutu ne mpɛɛwa da,

na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.

21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ.

Ahyɛmma a wɔhare remfa so;

ahyɛn akɛseɛ rennante so.

22Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ,

Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ,

Awurade ne yɛn ɔhene;

na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

23Wo ntampehoma mu ago

enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie,

na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu.

Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu

na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.

24Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”;

na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.

Luganda Contemporary Bible

Isaaya 33:1-24

1Zikusanze ggwe omuzikiriza

ggwe atazikirizibwanga.

Zikusanze ggwe alya olukwe mu balala,

ggwe, gwe batalyangamu lukwe,

bw’olirekaraawo okuzikiriza,

olizikirizibwa.

Bw’olirekeraawo okulya mu balala olukwe,

balikulyamu olukwe.

2Ayi Mukama tusaasire,

tukuyaayaanira.

Obeere amaanyi gaffe buli makya,

obulokozi bwaffe mu biro eby’okulabiramu ennaku.

3Olw’eddoboozi ery’okubwatuka, abantu balidduka,

bw’ogolokoka, amawanga gasaasaana.

4Omunyago gwo, gukungulwa enzige ento,

era abantu bagugwako ng’ekibinja ky’enzige.

5Mukama agulumizibwe, kubanga atuula waggulu,

alijjuza Sayuuni n’obwenkanya n’obutuukirivu.

6Y’aliba omusingi omugumu mu biro byo,

nga lye tterekero eggagga ery’obulokozi, n’amagezi n’okumanya.

Okutya Mukama kye kisumuluzo kye tterekero ly’obugagga obwo.

7Laba abasajja abazira ab’amaanyi bakaabira mu nguudo mu ddoboozi ery’omwanguka,

n’ababaka ab’emirembe bakaaba nnyo.

8Enguudo ennene tezitambulirwako,

tewali azitambulirako.

Endagaano yamenyebwa,

n’abajulizi baayo banyoomebwa,

tewali assibwamu kitiibwa.

9Ensi ekungubaga era eyongobera,

Lebanooni aswadde era awotose;

Saloni ali ng’eddungu,

ng’asuula Basani ne Kalumeeri.

10Mukama agamba nti, “Kaakano nnaagolokoka,

kaakano nnaagulumizibwa,

kaakano nnaayimusibwa waggulu.

11Ofuna olubuto olw’ebisusunku,

ozaala ssubi,

omukka gwo, muliro ogukusaanyaawo.

12Abantu balyokebwa nga layimu bw’ayokebwa,

balyokebwa omuliro ng’ebisaka by’amaggwa amasale.”

13Mmwe abali ewala, mutegeere kye nkoze.

Mmwe abali okumpi, mukkirize amaanyi gange.

14Abakozi b’ebibi ab’omu Sayuuni batidde,

okutya kujjidde abatalina Katonda.

“Ani ku ffe ayinza okubeera awamu n’omuliro ogusaanyaawo?

Ani ku ffe ayinza okubeera awamu n’omuliro ogutaliggwaawo?”

15Atambulira mu butuukirivu,

n’ayogera ebituufu,

oyo atatwala magoba agava mu bubbi,

n’akuuma emikono gye obutakkiriza nguzi,

aziba amatu ge n’atawulira ntegeka za kutta,

n’aziba amaaso ge obutalaba nteekateeka ezitali za butuukirivu,

16ye muntu alituula waggulu mu bifo ebya waggulu,

n’obuddukiro bwe buliba ebigo eby’omu nsozi.

Aliweebwa emmere,

n’amazzi tegalimuggwaako.

17Amaaso go galiraba kabaka mu bulungi bwe,

ne galaba ensi eyeewala.

18Omutima gwo gulifumiitiriza ku ntiisa ng’ogamba nti,

“Omukungu omukulu ali ludda wa?

Ali ludda wa eyasoloozanga omusolo?

Omukungu avunaanyizibwa eminaala ali ludda wa?”

19Toliddayo kulaba bantu abo ab’amalala,

abantu ab’olulimi olutamanyiddwa,

olulimi olutategeerekeka.

20Tunuulira Sayuuni ekibuga eky’embaga zaffe,

amaaso go galiraba Yerusaalemi,

ekifo eky’emirembe, eweema etalisimbulwa

enkondo zaayo tezirisimbulwa,

newaakubadde emiguwa gyayo okukutulwa.

21Weewaawo Mukama aliba Amaanyi gaffe

era aliba ekifo eky’emigga emigazi n’ensulo engazi.

Temuliyitamu lyato

newaakubadde ekyombo ekinene tekiriseeyeeyeramu.

22Kubanga Mukama ye mulamuzi waffe,

Mukama y’atuwa amateeka,

Mukama ye Kabaka waffe,

y’alitulokola.

23Emiguwa gyo gisumulukuse

n’omulongooti si munywevu,

n’ettanga si lyanjuluze.

Awo omugabo omungi guligabanyizibwamu,

n’abalala balitwala eby’omunyago.

24Tewali abeera mu Sayuuni alyogera nti, “Ndi mulwadde,”

n’abo ababeeramu balisonyiyibwa ekibi kyabwe.