Yesaia 30 – ASCB & CARS

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 30:1-33

Monnue Ɔman Asoɔdenfoɔ

1“Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,”

sɛi na Awurade seɛ,

“Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma,

na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu,

na wɔboaboa bɔne ano;

2wɔn a wɔkɔ Misraim

a wɔmmisa me ansa.

Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn.

Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,

3nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo.

Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.

4Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan

na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ,

5nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase

nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti.

Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma,

na mmom animguaseɛ ne ahohora.”

6Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:

wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,

deɛ agyata ne agyatabereɛ,

ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ.

Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu

ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so,

de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so,

7de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.

Enti mefrɛ no

Rahab, deɛ Ɔnka Hwee.

8Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn

krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so

sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no

ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

9Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,

mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.

10Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,

“Monnhunu mo ani so adeɛ bio!”

ne adiyifoɔ no nso sɛ,

“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!

Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,

monhyɛ nnaadaa nkɔm.

11Momfiri saa tempɔn yi so,

mommane mfiri saa kwan yi ho

na monnyae Israel Kronkronni

a mode no ha yɛn yi!”

12Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:

“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,

na mode mo ho ato nhyɛsoɔ

ne nnaadaa so enti,

13saa bɔne yi bɛyɛ sɛ

ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea

na ɛbu mpofirim, ama mo.

14Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.

Ɛbɛyam pasaa a

esini koraa renka a

wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu

anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”

15Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:

“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;

kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,

nanso, morennya emu biara.

16Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’

Enti mobɛdwane!

Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’

Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!

17Apem bɛdwane

ɔbaako ho hu nti;

baanum ho hu enti

mo nyinaa bɛdwane akɔ,

kɔsi sɛ wɔbɛgya mo

te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,

te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”

18Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;

ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.

Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

19Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.” 22Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”

23Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. 24Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.

27Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba,

ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn;

abufuo ahyɛ nʼanom ma,

na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.

28Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm,

na ɛforo kɔdeda kɔn mu.

Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so;

ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan

hyehyɛ nnipa no nnyepi.

29Na mobɛto dwom

te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no;

mo akoma bɛdi ahurisie

te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro

Awurade bepɔ no so

kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.

30Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,

na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane

na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma,

osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.

31Awurade nne bɛdwerɛ Asiria;

ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.

32Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,

na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no

ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ.

33Wɔasiesie Topet dadaada;

wɔayɛ no krado ama ɔhene no.

Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree

wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu;

Awurade ahome a

ɛte sɛ sɔfe asutene no

bɛsɔ mu ogya.

Священное Писание

Исаия 30:1-33

Горе упрямому народу

1– Горе Моим упрямым детям, –

возвещает Вечный, –

которые вынашивают замыслы, что не от Меня,

заключают союз против Моей воли,

к греху добавляют грех;

2ходят в Египет за помощью,

не вопросив Меня;

прибегают к защите фараона,

ищут убежище в тени Египта!

3Но защита фараона обернётся вашим стыдом,

тень Египта принесёт вам бесчестие.

4Пусть правители ваши в Цоане,

а послы ваши пришли в Ханес30:4 Цоан и Ханес – египетские города.,

5всё равно постыдится всякий

из-за бесполезного народа,

от которого ни помощи, ни выгоды,

только стыд и бесчестие.

6Пророчество о животных пустыни Негев.

По земле беды и тягот,

львиц и льва ревущего,

гадюк и змей-стрелок

везут послы свои богатства на спинах ослов,

свои сокровища – на горбах верблюжьих

тому бесполезному народу,

7в Египет, чья помощь напрасна и ненадёжна.

Поэтому Я назвал его:

«Рахав30:7 Рахав – мифическое морское чудовище, символизирующее силы зла и разрушения; здесь оно олицетворяет Египет. Праздный».

8– Итак, ступай, напиши им это на табличке,

начертай им это и на свитке,

чтобы в грядущие дни

это было вечным свидетельством.

9Это народ отступников, лживые дети,

дети, что не хотят внимать учению Вечного.

10Они говорят провидцам:

«Перестаньте провидеть!» –

и пророкам:

«Не пророчествуйте нам истины!

Говорите нам лестное,

предсказывайте ложь.

11Сойдите с этой дороги,

уклонитесь от этого пути

и уберите с наших глаз

святого Бога Исраила!»

12Поэтому так говорит святой Бог Исраила:

– Раз вы отвергли эту весть,

понадеялись на угнетение

и положились на ложь,

13то станет для вас этот грех

точно высокая стена, что трескается,

клонится и рушится внезапно,

в одно мгновение.

14Она разобьётся, словно глиняный сосуд,

расколотый так беспощадно,

что среди осколков не найдётся черепка,

чтобы взять из очага углей

или зачерпнуть воды из водоёма.

15Так говорит Владыка Вечный, святой Бог Исраила:

– Ваше спасение – в покаянии и покое,

ваша сила – в надежде и тишине,

но вы не захотели этого.

16Вы сказали: «Нет, мы умчимся на конях».

Что ж, вы умчитесь!

Вы сказали: «Мы ускачем на быстрых конях!»

Что ж, и погоня за вами будет быстрой!

17Тысяча побежит от страха перед одним,

от страха перед пятью побежите вы все,

пока не останетесь,

словно флагшток на вершине горы,

словно знамя на холме.

18Но Вечный медлит, чтобы помиловать вас;

Он поднимется, чтобы сжалиться над вами.

Ведь Вечный – Бог правосудия.

Благословенны все, кто Его ожидает!

Благословения и спасение для народа Всевышнего

19Истинно, о народ Сиона, жители Иерусалима, вы не будете больше плакать. Он непременно помилует вас, когда вы воззовёте к Нему. Едва лишь услышав, Он ответит вам. 20Хотя Владыка и накормит вас горестями и напоит бедами, ваши учители больше не будут скрываться; вы своими глазами увидите своих учителей. 21Направо ли вы повернёте или налево, ваши уши услышат голос сзади, говорящий: «Вот путь; идите по нему». 22Тогда вы посчитаете скверною своих идолов, покрытых серебром, и свои изваяния, покрытые золотом; вы отбросите их, как нечистое тряпьё, и скажете им: «Прочь!»

23Ещё Он пошлёт вам дождь для зерна, которое вы сажаете в землю, и тогда пища, которую родит земля, будет хороша и обильна. В тот день ваш скот будет пастись на широких лугах. 24Волы и ослы, пашущие землю, будут есть силос, провеянный лопатой и вилами. 25В день великой бойни, когда обрушатся башни ваших врагов, по каждой высокой горе и по каждому высокому холму побегут потоки воды. 26Луна будет сиять, как солнце, а солнечный свет станет в семь раз ярче, словно свет семи полных дней, когда Вечный перевяжет язвы Своего народа и исцелит раны, которые Он нанёс.

27Вот Вечный идёт издалека,

пылая гневом, в густом облаке дыма;

уста Его полны негодования,

и язык Его – пожирающий огонь.

28Дыхание Его как разливающийся поток,

поднимающийся до шеи.

Он просеивает народы в решете гибели;

Он вкладывает в челюсти народов узду,

которая уводит их с пути.

29Вы будете петь, как в ночь,

когда празднуете священный праздник.

Ваши сердца будут ликовать,

как у идущих под пение свирели

на гору Вечного,

к Скале Исраила.

30Вечный даст людям услышать Свой величественный голос

и явит им силу Своей руки,

которая обрушится в ударе

с лютым гневом и пожирающим огнём,

с ливнем, бурей и градом.

31Голос Вечного потрясёт Ассирию;

Он поразит её Своим скипетром.

32Каждый удар, который Вечный нанесёт им

Своим карающим жезлом,

когда Он сразится с ними в бою,

будет под музыку бубнов и арф.

33Место для сожжения30:33 Или: «Тофет». Это было место в долине Бен-Гинном, недалеко от Иерусалима, где приносили детей в жертву богу Молоху (см. 4 Цар. 23:10; Иер. 7:31). давно готово,

приготовлено для ассирийского царя.

Глубока и широка эта огненная яма,

вдоволь в ней и огня, и дров;

дыхание Вечного зажжёт её,

как поток горящей серы.