Asase Sɛeɛ A Ɛfiri Awurade
1Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan
na wasɛe no;
ɔbɛsɛe asase ani
na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,
2ɛbɛyɛ saa ara
ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,
ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,
ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,
ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,
ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,
ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.
3Asase bɛda mpan koraa,
na wɔafom ɛso nneɛma.
Awurade na waka saa asɛm yi.
4Asase so yɛ wesee, na ɛkusa
ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa,
deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.
5Asase so nnipa agu ne ho fi;
wɔanni mmara no so,
wɔabu ahyɛdeɛ no so
na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
6Enti, nnome amene asase no
ɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua
ne saa enti wɔahye asase no so nnipa,
na kakra bi pɛ na aka.
7Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan;
wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.
8Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae,
ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae.
Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.
9Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio;
mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.
10Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;
wɔatoto efie biara apono mu.
11Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so;
ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ,
anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
12Kuropɔn no asɛe,
wɔabubu nʼapono mu nketenkete.
13Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so
ne amanaman no mu,
sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ,
anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no.
14Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam;
ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
15Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam;
momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no,
wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.
16Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ,
“Animuonyam nka Ɔteneneeni no.”
Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba!
Me nnue!
Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ!
Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”
17Ehu, amena ne afidie retwɛn mo,
Ao nnipa a mote asase soɔ.
18Deɛ ehu enti ɔdwane no,
ɔbɛtɔ amena mu;
deɛ ɔforo firi amena mu no,
afidie bɛyi no.
Wɔabue nsuo apono wɔ soro,
na asase nnyinasoɔ woso.
19Wɔadwiri asase no
na emu apaapae,
na asase awoso ankasa.
20Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ.
Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano;
nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21Saa ɛda no, Awurade bɛtwe
ɔsoro atumfoɔ
ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.
22Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu
sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu;
wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu
na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
23Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu;
na Asafo Awurade bɛdi ɔhene
wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,
ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.
خداوند زمين را ويران میكند
1خداوند زمين را ويران و متروک خواهد كرد؛ پوستهاش را خراب كرده، ساكنانش را پراكنده خواهد ساخت. 2همه به يک سرنوشت دچار خواهند شد: كاهن و غيركاهن، نوكر و ارباب، كنيز و خاتون، خريدار و فروشنده، قرض دهنده و قرض گيرنده، برنده و بازنده. 3زمين به کلی خالی و غارت خواهد شد. اين را خداوند فرموده است.
4زمين خشک و پژمرده میشود و بلنديهای آن پست میگردد. 5مردم روی زمين از احكام و اوامر خدا سرپيچی كرده، عهد جاودانی او را شكستهاند؛ 6بنابراين جهان دچار لعنت شده است. ساكنان آن تاوان گناهان خود را پس میدهند. زمين سوخته و عده كمی از مردم باقی ماندهاند. 7محصول انگور كم شده و شراب ناياب گرديده است. آنانی كه شاد بودند اكنون غمگينند. 8ديگر نوای دلنشين دف و چنگ شنيده نمیشود. آن روزهای خوش به سر آمده است. 9ديگر بزم می و مطرب وجود ندارد و شراب به كام نوشندگانش تلخ است. 10در شهر هرج و مرج است و مردم درِ خانهٔ خود را محكم میبندند تا كسی وارد نشود. 11در كوچهها فرياد آنانی به گوش میرسد كه به دنبال شراب میگردند. شاديها از بين رفته و خوشيها از روی زمين رخت بربسته است. 12شهر ويران گشته و دروازههايش شكسته شده و از بين رفتهاند. 13در تمام ممالک دنيا اين اتفاق خواهد افتاد. دنيا مانند درخت زيتونی خواهد بود كه تكانيده شده باشد، و يا خوشهٔ انگوری كه ميوهاش را چيده باشند.
14كسانی كه باقی بمانند از شادی فرياد خواهند زد و آواز خواهند خواند. آنان كه در غرب هستند بزرگی خداوند را خواهند ستود. 15و آنانی كه در شرق هستند او را سپاس خواهند گفت. ساكنان جزاير نيز خداوند، خدای اسرائيل را پرستش خواهند كرد 16و از سرزمينهای دور دست صدای مردم را خواهيم شنيد كه در وصف خدای عادل سرود میخوانند.
اما افسوس! افسوس كه بدكاران و خيانتپیشگان به شرارت خود ادامه میدهند. اين مرا غمگين و نااميد میكند. 17ای مردم دنيا بدانيد كه ترس و گودال و دام در انتظار شماست. 18اگر از ترس فرار كنيد در گودال خواهيد افتاد، و اگر از گودال بيرون بياييد در دام گرفتار خواهيد شد. از آسمان به شدت باران خواهد باريد و اساس زمين تكان خواهد خورد. 19زمين در هم خواهد شكست و خرد شده، از هم خواهد پاشيد. 20زمين مانند مستی است كه افتان و خيزان راه میرود و مثل خيمهای است كه در برابر طوفان تكان میخورد. دنيا زير بار گناهش خم شده و يک روز خواهد افتاد و ديگر برنخواهد خاست.
21در آن روز، خداوند نيروهايی را كه در آسمان هستند و قدرتمندانی را كه بر زمين حكومت میكنند مجازات خواهد كرد. 22آنان مانند اسيرانی كه در سياهچال زندانی هستند نگه داری خواهند شد تا روز محاكمه فرا رسد. 23ماه تاريک خواهد شد و خورشيد ديگر نور نخواهد داد، زيرا خداوند قادر متعال سلطنت خواهد كرد. او بر كوه صهيون جلوس فرموده، در اورشليم حكومت خواهد كرد و رهبران دنيا شكوه و جلال او را خواهند ديد.