Yeremia 52 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 52:1-34

Yerusalem Asehweɛ

1Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia babaa a ɔfiri Libna. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. 3Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire no, ɔyii nʼani firii wɔn so.

Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

4Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. 5Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.

6Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. 7Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no. 8Nanso, Babilonia akodɔm no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tata so. Na nʼasraafoɔ no nyinaa afiri ne ho abɔ apete, 9na wɔkyeree no.

Wɔfaa no dedua de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 10Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ adwumayɛfoɔ nyinaa nso. 11Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da.

12Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu. 14Babiloniafoɔ akodɔm a wɔhyɛ ɔhene awɛmfoɔ so sahene ase no bubuu afasuo a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa. 15Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu. 16Nanso, Nebusaradan gyaa wɔn a wɔdi hia wɔ asase no so no nkaeɛ sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuo no.

17Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, nnyinasodeɛ a wɔtumi moma soɔ ne kɔbere mfrafraeɛ Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babilonia. 18Afei, wɔfaa nkukuo, nsofi, kaneahoma twitwasoɔ, ɔpete nkuruwa, nwowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔeɛ. 19Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa.

20Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. 21Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan. 22Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha.

24Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ. 25Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu. 26Ɔsahene Nebusaradan faa wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla. 27Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn.

Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.

28Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie:

nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu,

Yudafoɔ 3,023;

29Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu,

nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832;

30nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu,

ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu.

Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600.

Wɔgyaa Yehoiakin

31Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. 32Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ. 33Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara kɔsii ne wu da. 34Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakin sika berɛ ano berɛ ano, ma ɔde tuatua ne ho aka kɔsii ne owuda.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 52:1-34

Yerusalem Asehwe

1Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 3Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so.

Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

4Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. 5Wotuaa kuropɔn no kosii Ɔhene Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako no mu.

6Eduu ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, na ɔkɔm a asi kuropɔn no mu no ano ayɛ den a mu nnipa no nnya aduan nni. 7Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba. 8Nanso Babilonia asraafo no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tataw so. Na nʼasraafo no nyinaa afi ne ho abɔ ahwete, 9na wɔkyeree no.

Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn. 10Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo adwumayɛfo nyinaa nso. 11Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia, hɔ na ɔde no too afiase kosii ne wuda.

12Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu. 14Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no. 15Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu. 16Nanso Nebusaradan gyaa wɔn a wodi hia wɔ asase no so no nkae sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuw no.

17Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia. 18Afei wɔfaa nkuku, nsofi, kanea ntamabamma ntwitwaso, ɔpete nkuruwa, nsanka, mprɛte ne kɔbere mfrafrae nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔe. 19Ɔhene awɛmfo sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrantraa, ɔpete nkuruwa, nkuku, kaneannua, nsanka, mprɛte ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔe; wɔde sikakɔkɔɔ ankasa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ eyinom nyinaa.

20Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. 21Na afadum no biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason na ne dantaban mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuru na ne hankare no mu piw yɛ nsateaa anan. 22Na kɔbere mfrafrae ntaaso a esi ɔfadum baako so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a, wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafrae atoaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23Na Kɔbere mfrafrae atoaa aba a ɛsensɛn ntaaso no ano no yɛ aduɔkron asia, na nea ɛkata ntaaso no ho yɛ ɔha.

24Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. 25Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. 26Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 27Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat.

Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so.

28Nnipa dodow a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu ni:

nʼahenni afe a ɛto so ason mu,

Yudafo 3,023;

29Nebukadnessar ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe mu,

nnipa a wofi Yerusalem, 832;

30nʼahenni afe a ɛto so aduonu abiɛsa mu,

ɔsahene Nebusaradan, a otua ɔhene awɛmfo ano no de Yudafo 745 kɔɔ nnommum mu.

Nnipa no nyinaa dodow yɛ 4,600.

Wogyaa Yehoiakyin

31Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum. 32Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. 33Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. 34Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.