Yeremia 37 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 37:1-21

Yeremia Da Afiase

1Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; ɔsii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu. 2Ɔno, nʼasomfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.

3Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia sɛ, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.”

4Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. 5Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem.

6Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ, 7“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so. 8Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’

9“Sɛ Awurade seɛ nie: Monnnaadaa mo ho nnwene sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ! 10Sɛ modi Babiloniafoɔ akodɔm a wɔato ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafoɔ wɔ wɔn ntomadan mu mpo a, wɔbɛfiri adi abɛhye kuropɔn yi dworobɛɛ.”

11Babilonia akodɔm firii Yerusalem, ɛsiane Farao akodɔm no enti akyi no, 12Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefiri kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam akɔgye nʼagyapadeɛ mu kyɛfa wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu. 13Nanso, ɔkɔduruu Benyamin Ɛpono ano no, awɛmfoɔ no so panin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nana kyeree no kaa sɛ, “Woredwane agya yɛn akɔ Babiloniafoɔ afa!”

14Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ. 15Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no.

16Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ. 17Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?”

Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”

18Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? 19Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? 20Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.”

21Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 37:1-21

Yeremia Da Afiase

1Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; osii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu. 2Ɔno, nʼasomfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.

3Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania se, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia se, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, mpae ma yɛn.”

4Na Yeremia de ne ho a otumi di nnipa no mu akɔneaba, efisɛ na wɔmfaa no ntoo afiase ɛ. 5Na Farao asraafo afi Misraim reba, na Babiloniafo a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wofii Yerusalem.

6Na Awurade asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn se, 7“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo se mummebisa me hɔ biribi no se, ‘Farao asraafo a wofii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn ankasa asase, Misraim so. 8Na Babiloniafo no bɛsan abɛtow ahyɛ saa kuropɔn yi so; wobegye na wɔahyew kurow no dwerɛbee.’

9“Sɛ Awurade se ni: Monnnaadaa mo ho nsusuw sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafo no befi yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ! 10Sɛ mudi Babiloniafo asraafo a wɔatow ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafo wɔ wɔn ntamadan mu mpo a, wobefi adi abɛhyew kuropɔn yi dwerɛbee.”

11Babilonia asraafo no fii Yerusalem, esiane Farao asraafo no nti akyiri no, 12Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefi kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam mu akogye nʼagyapade mu kyɛfa wɔ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nkyɛn. 13Nanso okoduu Benyamin Pon ano no, awɛmfo no so panyin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nena kyeree no kae se, “Woreguan agya yɛn akɔ Babiloniafo afa!”

14Yeremia buae se, “Ɛnyɛ nokware. Merenguan nkɔ Babiloniafo afa.” Nanso Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanyimfo. 15Wɔn bo fuw Yeremia, na wɔma wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi a na wɔde ayɛ afiase no.

16Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma odii nna bebree wɔ hɔ. 17Akyiri no, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfi, ɛhɔ na obisaa no wɔ kokoa mu se, “Woanya asɛm bi afi Awurade nkyɛn ana?”

Yeremia buae se, “Yiw, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”

18Afei Yeremia bisaa ɔhene no se, “Dɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfo anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? 19Ɛhe na wʼadiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo se, ‘Babiloniahene rentow nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? 20Na afei, ɔdɛɛfo, mesrɛ wo tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔkyerɛwfo Yonatan fi hɔ bio, anyɛ saa a mewu wɔ hɔ.”

21Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfo adiwo hɔ, na wɔmma no brodo a efi brodotofo borɔn so da biara nkosi sɛ kuropɔn no mu brodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfo adiwo hɔ.