Yeremia 29 – ASCB & CARS

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 29:1-32

Krataa A Wɔde Kɔmaa Nnommumfoɔ No

1Yei ne krataa mu nsɛm a odiyifoɔ Yeremia twerɛ firii Yerusalem kɔmaa nnommumfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa a wɔaka nyinaa a Nebukadnessar afa wɔn nnommum afiri Yerusalem akɔ Babilonia. 2(Yei yɛ ɛberɛ a ɔhene Yehoiakin ne ɔhemmaa no, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, adwumfoɔ ahodoɔ nyinaa afiri Yerusalem akɔ nnommumfa mu no akyi.) 3Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie:

4Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ wɔn a mema wɔfaa wɔn nnommum firi Yerusalem kɔɔ Babilonia no nyinaa: 5“Monsisi afie, na momfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni mu aba. 6Monwareware, na monwowo mmammarima ne mmammaa. Monhwehwɛ yerenom mma mo mmammarima na momfa mo mmammaa nso mma awadeɛ, na wɔn nso nwowo mmammarima ne mmammaa. Monnɔre wɔ hɔ na mo so ante. 7Afei, monhwehwɛ kuropɔn a mema wɔtuu mo kɔtenaa so no asomdwoeɛ ne yiedie. Mommɔ Awurade mpaeɛ mma no, ɛfiri sɛ ne yiedie mu na mo nso mobɛdi yie.” 8Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mommma adiyifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ mo mu no nnaadaa mo. Monntie wɔn adaeɛ a mohyɛ wɔn nkuran ma wɔsoso no. 9Wɔhyɛ nkɔntorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,” Awurade na ɔseɛ.

10Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ mosom Babilonia mfeɛ aduɔson a, mɛba abɛhwɛ mo na mɛma mʼadom mu bɔhyɛ sɛ mede mo bɛba ha bio no aba mu. 11Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔseɛ, “Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa. 12Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo. 13Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea. 14Mobɛhunu me,” Awurade na ɔseɛ, “na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, “na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio.”

15Mobɛka sɛ, “Awurade ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilonia,” 16nanso, sei na Awurade ka fa ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so ne nnipa a wɔaka wɔ kuropɔn no mu nyinaa, mo manfoɔ a wɔne mo ankɔ nnommumfa mu no, 17aane, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Mɛma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm aba wɔn so, na wɔayɛ sɛ borɔdɔma a asɛeɛ enti wɔntumi nni. 18Mede akofena, ɛkɔm ne yaredɔm bɛti wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanneɛ ama ahennie a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne animtiabudeɛ wɔ amanaman a mepamoo wɔn kɔɔ so no mu. 19Ɛfiri sɛ, wɔantie me nsɛm,” sei na Awurade seɛ, “nsɛm a mede somaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ mpɛn bebree baa mo nkyɛn. Na mo nnommumfoɔ nso antie,” Awurade na ɔseɛ.

20Afei montie Awurade asɛm, mo nnommumfoɔ a mama mo afiri Yerusalem akɔ Babilonia no nyinaa. 21Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa Kolaia babarima Ahab ne Maaseia babarima Sedekia a wɔde me din rehyɛ mo nkɔmtorɔ no ho nie: “Mede wɔn bɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn wɔ mo anim. 22Esiane wɔn enti, Yuda nnommumfoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa de saa nnome yi bɛdome sɛ: ‘Awurade nyɛ wo sɛ, Sedekia ne Ahab a Babiloniahene hyee wɔn wɔ ogya mu no.’ 23Na wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛboro so wɔ Israel: wɔne wɔn yɔnkonom yerenom adeda de asɛe awadeɛ, na wɔde me din adi atorɔ a mennka nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. Menim na medi ho adanseɛ,” Awurade na ɔseɛ.

Semaia Nkra

24Ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ, 25“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Watwerɛ krataa wɔ wo din mu akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfoɔ Maaseia babarima Sefania, ne asɔfoɔ a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania sɛ, 26Awurade ahyɛ wo ɔsɔfoɔ asi Yehoiada anan mu sɛ hwɛ Awurade efie no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dadeɛ kɔnnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ. 27Afei adɛn enti na wontwi Yeremia a ɔfiri Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ wɔ mo mu no anim? 28Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno enti monsisi afie mfa mmɔ atenaseɛ; monyɛ nturo na monni emu aba.’ ”

29Ɔsɔfoɔ Sefania kenkanee krataa no kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia. 30Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 31“Fa saa nkra yi kɔma nnommumfoɔ no nyinaa sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atorɔ adi enti, 32deɛ Awurade seɛ nie: Nokorɛm, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefoɔ aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu, na ɔrenhunu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ waka atuateɛ nsɛm atia me,’ ” Awurade na ɔseɛ.

Священное Писание

Иеремия 29:1-32

Письмо к изгнанникам

1Вот письмо, которое пророк Иеремия написал из Иерусалима к старейшинам, уцелевшим среди пленников, к священнослужителям, пророкам и ко всему народу, который был уведён Навуходоносором в плен из Иерусалима в Вавилон. 2(Это произошло после того, как царь Иехония, царица-мать, придворные сановники и вожди Иудеи и Иерусалима, ремесленники и кузнецы были уведены из Иерусалима в плен.) 3Он поручил доставить письмо Эласу, сыну Шафана, и Гемарии, сыну Хилкии, которых Цедекия, царь Иудеи, отправил к царю Навуходоносору в Вавилон. В письме говорилось:

4Так говорит Вечный, Повелитель Сил, Бог Исраила, всем, кого Он отправил в плен из Иерусалима в Вавилон: 5«Стройте дома и селитесь, разводите сады и ешьте их плоды. 6Женитесь и рожайте сыновей и дочерей, берите жён своим сыновьям и выдавайте дочерей замуж, чтобы и у них рождались сыновья и дочери. Пусть там вас становится больше, а не меньше. 7Желайте мира и благополучия тому городу, куда Я отправляю вас в плен. Молитесь Вечному о нём, потому что при его благополучии и вы будете благополучны».

8Вот что говорит Вечный, Повелитель Сил, Бог Исраила: «Не позволяйте пророкам и предсказателям, которые среди вас, обманывать вас. Не слушайте снов, которые им снятся. 9Они пророчествуют вам Моим именем ложь. Я не посылал их», – возвещает Вечный.

10Так говорит Вечный: «Когда пройдёт семьдесят лет в Вавилоне, Я позабочусь о вас и сдержу Своё доброе обещание вернуть вас сюда. 11Ведь Я знаю Мои намерения о вас, – возвещает Вечный, – намерения принести вам благополучие, а не беду, даровать вам будущее и надежду. 12Тогда вы будете призывать Меня, пойдёте и помолитесь Мне, и Я услышу вас. 13Вы будете искать Меня и найдёте, если будете искать всем сердцем. 14Вы найдёте Меня, – возвещает Вечный, – и Я восстановлю вас. Я соберу вас из всех народов и земель, куда изгнал вас, – возвещает Вечный, – и верну вас туда, откуда отправил вас в плен».

15Но поскольку вы говорите: «Вечный дал нам пророков и в Вавилоне», 16то так говорит Вечный о царе, что сидит на престоле Давуда, и обо всём народе, который остался в этом городе, о ваших соплеменниках, которые не пошли вместе с вами в плен, – 17так говорит Вечный, Повелитель Сил: «Я пошлю на них меч, голод и мор и сделаю их такими, как гнилой инжир, который так плох, что его нельзя есть. 18Я буду преследовать их мечом, голодом и мором, и станут они ненавистны всем царствам на земле, станут предметом проклятий и ужаса, издевательств и презрения у всех народов, к которым Я их изгоню. 19Ведь они не слушались Моих слов, – возвещает Вечный, – которые Я говорил им снова и снова через Моих рабов пророков», – возвещает Вечный.

20А сейчас слушайте слово Вечного, все изгнанники, которых Я выслал из Иерусалима в Вавилон. 21Так говорит Вечный, Повелитель Сил, Бог Исраила, об Ахаве, сыне Колаи, и Цедекии, сыне Маасеи, которые Моим именем пророчествуют вам ложь: «Я отдаю их во власть Навуходоносора, царя Вавилона, а он предаст их смерти у вас на глазах. 22От них среди всех изгнанников из Иудеи, которые находятся в Вавилоне, поведётся проклятие: „Пусть Вечный поступит с тобой так же, как с Цедекией и Ахавом, которых царь Вавилона сжёг на костре“. 23Ведь они наделали в Исраиле гнусностей: они спали с чужими жёнами и говорили Моим именем ложь, то, что Я им не повелевал. Я знаю это, и Я этому свидетель», – возвещает Вечный.

Послание Шемае

24– Скажи нехеламитянину Шемае: 25Так говорит Вечный, Повелитель Сил, Бог Исраила: «Ты посылал письма от своего имени ко всему народу в Иерусалиме, к священнослужителю Софонии, сыну Маасеи, и ко всем остальным священнослужителям. Ты написал Софонии:

26Вечный сделал тебя священнослужителем вместо Иодая, чтобы при доме Вечного были смотрители и чтобы каждого, кто выдаёт себя за пророка, забивали в колодки и надевали ему на шею железный хомут. 27Что же ты не остановишь Иеремию из Анатота, который выдаёт себя за пророка? 28Он послал к нам в Вавилон сказать: „Это надолго. Стройте дома и селитесь, разводите сады и ешьте их плоды“».

29Но священнослужитель Софония прочитал это письмо пророку Иеремии. 30И сказал Вечный Иеремии:

31– Отправь послание всем изгнанникам:

Так говорит Вечный о нехеламитянине Шемае: «За то, что Шемая пророчествовал вам, хотя Я его не посылал, и заставил вас поверить лжи, 32так говорит Вечный: Я непременно накажу нехеламитянина Шемаю и его потомков. После него в этом народе никого не останется, и он не увидит того добра, которое Я сделаю для Моего народа, – возвещает Вечный, – за то, что он призывал к отступничеству от Вечного».