Atemmuo A Ɛtia Ahemfo Amumuyɛfoɔ
1Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi: 2‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu. 3Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha. 4Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”
6Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:
“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead
na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,
nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,
sɛ nkuro a obiara nte mu.
7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
obiara ne nʼakodeɛ,
wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu
na wɔato agu ogya no mu.
8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ 9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”
10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;
mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi
na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio. 12Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”
13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,
na ɔde nsisie si nʼabansoro.
Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa,
na ɔntua wɔn apaadie so ka.
14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho
deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’
Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu;
ɔde ntweneduro dura mu
na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
15“Wowɔ ntweneduro bebree a
na ɛma woyɛ ɔhene anaa?
Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?
Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,
enti ɛsii no yie.
16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yie maa no.
Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
17“Mo ani ne mo akoma
wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so,
sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo
na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”
18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
“Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’
Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’
19Wɔbɛsie no sɛ afunumu.
Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene
Yerusalem apono akyi.”
20“Monkɔ Lebanon nkɔ su,
momma wɔnte mo nne wɔ Basan;
monsu mfiri Abarim,
ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.
21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo,
nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’
Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu;
woanyɛ ɔsetie amma me.
22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,
na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.
Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase
ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.
23Mo a mote Lebanon,
na modeda ntweneduro adan mu,
ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene
te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
28Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,
adeɛ a obiara mpɛ anaa?
Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,
akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?
29Ao, asase, asase, asase!
Tie Awurade asɛm!
30Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba,
ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa
na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ,
na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so
na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”
پيام خدا به خاندان سلطنتی
1-3خداوند فرمود كه به قصر پادشاه يهودا بروم و به او كه بر تخت پادشاهی داوود نشسته و به تمام درباريان و به اهالی اورشليم، بگويم كه خداوند چنين میفرمايد:
«عدل و انصاف را بجا آوريد و داد مظلومان را از ظالمان بستانيد؛ به غريبان، يتيمان و بيوهزنان ظلم نكنيد و خون بیگناهان را نريزيد. 4اگر آنچه میگويم انجام دهيد، اجازه خواهم داد كه همواره پادشاهانی از نسل داوود بر تخت سلطنت تكيه بزنند و با درباريان و همهٔ قوم در سعادت و آسايش روزگار بگذرانند.
5«ولی اگر اين حكم را اطاعت نكنيد، به ذات خود قسم كه اين قصر به ويرانه تبديل خواهد شد. 6اگرچه اين قصر در نظرم مثل سرزمين حاصلخيز جلعاد و مانند کوههای سرسبز لبنان زيبا میباشد، اما آن را ويران و متروک خواهم ساخت تا كسی در آن زندگی نكند؛ 7افرادی ويرانگر را همراه با تبرهایشان خواهم فرستاد تا تمام ستونها و تيرهای چوبی آن را كه از بهترين سروهای آزاد تهيه شده، قطع كنند و در آتش بسوزانند. 8آنگاه مردم سرزمینهای ديگر وقتی از كنار خرابههای اين شهر عبور كنند، از يكديگر خواهند پرسيد: ”چرا خداوند با اين شهر بزرگ چنين كرد؟“ 9در پاسخ خواهند شنيد: ”چون اهالی اينجا خداوند، خدای خود را فراموش كردند و عهد و پيمانی را كه او با ايشان بسته بود، شكستند و بتپرست شدند.“»
كلام خدا دربارهٔ يهوآحاز
10-12خداوند میفرمايد: «برای يوشيای پادشاه كه در جنگ كشته شده، گريه نكنيد، بلكه برای پسرش يهوآحاز ماتم بگيريد كه به اسيری برده خواهد شد22:10-12 يهوآحاز به مصر به اسيری برده شد (دوم پادشاهان 23:31-34).؛ چون او در سرزمينی بيگانه خواهد مرد و ديگر وطنش را نخواهد ديد.»
كلام خداوند دربارهٔ يهوياقيم
13خداوند میفرمايد: «وای بر تو ای يهوياقيم پادشاه، كه قصر با شكوهت را با بهرهكشی از مردم میسازی؛ از در و ديوار قصرت ظلم و بیعدالتی میبارد، چون مزد كارگران را نمیپردازی. 14میگويی: ”قصر باشكوهی میسازم كه اتاقهای بزرگ و پنجرههای زيادی داشته باشد؛ سقف آن را با چوب سرو آزاد میپوشانم و بر آن رنگ قرمز میزنم.“ 15آيا فكر میكنی با ساختن كاخهای پرشكوه، سلطنتت پايدار میماند؟ چرا سلطنت پدرت يوشيا آنقدر دوام يافت؟ چون او عادل و با انصاف بود. به همين علت هم در همهٔ كارهايش كامياب میشد. 16او از فقيران و نيازمندان دستگيری میكرد، بنابراين هميشه موفق بود. اين است معنی خداشناسی! 17ولی تو فقط به دنبال ارضای حرص و آز خود هستی؛ خون بیگناهان را میريزی و بر قوم خود با ظلم و ستم حكومت میكنی.
18«بنابراين ای يهوياقيم پادشاه، پسر يوشيا، پس از مرگت هيچكس حتی خانوادهات برايت ماتم نخواهند كرد؛ قومت نيز به مرگ تو اهميتی نخواهند داد؛ 19جنازهٔ تو را از اورشليم كشانكشان بيرون برده، مانند لاشهٔ الاغ به گوشهای خواهند افكند!»
پيام دربارهٔ سرنوشت يهودا
20ای مردم اورشليم به لبنان برويد و در آنجا گريه كنيد؛ در باشان فرياد برآوريد؛ بر کوههای موآب ناله سر دهيد، چون همهٔ دوستان و همدستانتان از بين رفتهاند! 21زمانی كه در سعادت و خوشبختی به سر میبرديد، خدا با شما سخن گفت، ولی گوش فرا نداديد؛ شما هرگز نخواستيد او را اطاعت نماييد؛ عادت شما هميشه همين بوده است! 22حال وزش باد خشم خدا تمام رهبرانتان را نابود خواهد ساخت؛ همپيمانانتان نيز به اسارت خواهند رفت؛ و سرانجام به سبب شرارتهايتان، شرمسار و سرافكنده خواهيد گشت.
23ای كسانی كه در كاخهای مزين به چوب سرو لبنان زندگی میكنيد، بزودی دردی جانكاه همچون درد زايمان، شما را فرو خواهد گرفت؛ آنگاه همه برای شما دلسوزی خواهند كرد.
داوری يهوياكين
24-25خداوند به يهوياكين، پسر يهوياقيم، پادشاه يهودا چنين میفرمايد: «تو حتی اگر انگشتر خاتم بر دست راستم بودی، تو را از انگشتم بيرون میآوردم و به دست كسانی میدادم كه به خونت تشنهاند و تو از ايشان وحشت داری، يعنی به دست نبوكدنصر، پادشاه بابل و سپاهيان او! 26تو و مادرت را به سرزمينی بيگانه خواهم افكند تا در همانجا بميريد. 27شما هرگز به اين سرزمين كه آرزوی ديدنش را خواهيد داشت، باز نخواهيد گشت.»
28خداوندا، آيا اين مرد يعنی يهوياكين، مانند ظرف شكستهای شده كه كسی به آن نيازی ندارد؟ آيا به همين دليل است كه خود و فرزندانش به سرزمينی بيگانه به اسارت میروند؟
29ای زمين، ای زمين، ای زمين! كلام خداوند را بشنو. 30خداوند میفرمايد: «نام اين مرد (يعنی يهوياكين) را جزو افراد بیاولاد بنويس، جزو كسانی كه هرگز كامياب نخواهند شد؛ چون هيچيک از فرزندان او بر تخت سلطنت داوود تكيه نخواهد زد و بر يهودا فرمانروايی نخواهد كرد!»