1Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn,
Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.
Gyidie Ne Nyansa
2Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ. 4Momma boasetɔ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. 5Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn firi ayamyɛ ne adom mu ma obiara deɛ ɛhia no no kwa. 6Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ɛsɛ sɛ wogye di a wonnye ho akyinnyeɛ. Obiara a ɔgye akyinnyeɛ no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susu sɛ ɔbɛnya biribiara afiri Awurade nkyɛn; 8nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi.
Ohia Ne Ahonya
9Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi. 11Owia pue de ne hyeɛ no hye afifideɛ no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefoɔ no ɛberɛ a wɔgu so redi wɔn nnwuma no.
Sɔhwɛ
12Nhyira nka onipa a ɔnya gyidie wɔ amanehunu mu, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛnya akyɛdeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
13Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ, “Saa sɔhwɛ yi firi Onyankopɔn.” Ɛfiri sɛ, bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. 14Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyini a ɛwo owuo.
16Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo. 17Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum. 18Ɔfiri ne pɛ mu nam nokorɛ a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ɛkan wɔ abɔdeɛ nyinaa mu.
Otie Ne Ɔyɛ
19Me nuanom adɔfoɔ, monhyɛ yeinom nso: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuo; 20ɛfiri sɛ, onipa abufuo no mma ɔnnya Onyankopɔn tenenee no. 21Ɛno enti, montwe mo ho mfiri afideɛ ne atirimuɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na monnye asɛm a ɔdua wɔ mo akoma mu a ɛbɛgye mo nkwa no.
22Monntie asɛm no sɛ atiefoɔ kwa nsisi mo ho, na mmom, monyɛ asɛm no yɛfoɔ. 23Obiara a ɔtie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ɔhunu sɛdeɛ ɔteɛ. 24Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hunu ne ho yie na sɛ ɔfiri ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ firi deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa. 25Nanso, obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu yie, deɛ ɛma onipa de ne ho, na ɔdi so, na ɔtie, na ne werɛ mfiri, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn bɛhyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
26Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ Onyamesomfoɔ na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no ho nni mfasoɔ na ɔdaadaa ne ho nso. 27Deɛ Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ nyamesom pa no nie: Ɔhwɛ nwisiaa ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohia mu, na ɔyi ne ho firi ewiase porɔeɛ ho.