1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.
Atemmuo A Ɛtia Yuda
2“Mɛpra biribiara afiri asase so”
deɛ Awurade seɛ nie,
3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;
mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem
ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.
Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara
sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”
deɛ Awurade seɛ nie.
4“Mɛtene me nsa wɔ Yuda
ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;
na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,
na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din
5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,
de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,
wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam
na wɔde Molek nso ka ntam,
6wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie
na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”
7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,
ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.
Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;
wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
8“Awurade afɔrebɔ ɛda no,
mɛtwe mmapɔmma
ne ahenemma
ne wɔn a wɔhyehyɛ
ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.
9Saa ɛda no mɛtwe wɔn
a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.
Wɔn a wɔde akakabensɛm
ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.
10“Saa ɛda no,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,
agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ
na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.
11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no
wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,
dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.
12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu
na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,
wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,
a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’
13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,
na wɔabubu wɔn afie agu.
Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu
wɔbɛyɛ bobe mfuo
nanso wɔrennom emu nsã.”
Awurade Ɛda Kɛseɛ No
14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,
abɛn na ɛreba ntɛm so.
Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,
ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.
15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,
ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;
ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,
ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda
ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,
16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam
a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ
ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.
17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so
na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,
ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.
Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,
na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.
18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn nkwa
wɔ Awurade abufuo ɛda no.”
Ne ninkuntwe mu ogya no
bɛhye ɔman no nyinaa,
na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa
aba awieeɛ mpofirim.