Sakaria 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 2:1-13

Onipa A Ɔkura Susuhoma No

1Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim! 2Mebisaa no sɛ, “Ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene.”

3Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no 4na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti. 5Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’

6“Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

7“Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!” 8Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua. 9Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.

10“Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11“Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. 12Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. 13Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri sɛ wakanyane ne ho wɔ nʼatenaeɛ kronkron hɔ.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 2:1-13

Onipa A Okura Susuhama No

1Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama sɛ ogyina mʼanim! 2Mibisaa no se, “Ɛhe na worekɔ?” Obuae se, “Merekosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten.”

3Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa na kɔe, na ɔbɔfo foforo behyiaa no 4na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti. 5Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasu, atwa ho ahyia,’ sɛnea Awurade se ni, ‘na mayɛ ne mu anuonyam.’

6“Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ Awurade se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea Awurade se ni.

7“Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!” 8Efisɛ sɛɛ na Asafo Awurade se, “Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua. 9Nokware, mɛma me nsa so de atia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma moahu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.

10“Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛnea Awurade se ni. 11“Aman bebree bɛka Awurade ho saa da no na wɔabɛyɛ me nkurɔfo. Me ne mo bɛtena, na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. 12Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapade wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. 13Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adesamma nyinaa, efisɛ wakanyan ne ho wɔ ne tenabea kronkron hɔ.”