Romafoɔ 6 – ASCB & NVI

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 6:1-23

Nkwa Wɔ Kristo Mu

1Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? 2Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu? 4Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu.

5Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase.

8Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛtena. 9Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio. 10Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn.

11Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne. 13Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma. 14Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase.

Tenenee Nkoa

15Ɛdeɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabi! 16Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu. 17Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee.

19Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi. 21Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo. 22Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. 23Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.

Nueva Versión Internacional

Romanos 6:1-23

Vivimos gracias al amor de Cristo

1¿A qué conclusión llegamos? ¿Vamos a seguir pecando para que la bondad y el amor de Dios sean más grandes? 2¡De ninguna manera! Nosotros ya no tenemos nada que ver con el pecado, es como si estuviéramos muertos. Así que, ¿cómo podemos seguir viviendo en pecado? 3¿Acaso no saben ustedes que al bautizarnos quedamos unidos a Cristo Jesús? Fue como si participáramos de su muerte. 4Por medio del bautismo, nosotros también fuimos enterrados con él en su muerte. Y, así como Cristo resucitó por el poder del Padre, también nosotros llevamos una vida nueva.

5En efecto, si hemos estado unidos con él en su muerte, sin duda también estaremos unidos con él en su resurrección. 6Sabemos que nuestra vieja manera de ser fue crucificada con él, para que el pecado que dominaba nuestro cuerpo perdiera su poder. De este modo ya no seguimos siendo esclavos del pecado, 7porque el que muere queda liberado del pecado.

8Ahora bien, si al bautizarnos hemos muerto con Cristo, confiamos que también viviremos con él. 9Pues sabemos que Cristo, por haber sido levantado de entre los muertos, ya no puede volver a morir. La muerte ya no tiene poder sobre él. 10Cuando Cristo murió, el pecado perdió para siempre su poder sobre él. Y, ahora que vive, vive solo para Dios.

11Eso mismo ha sucedido con ustedes. Piensen que han muerto y el pecado ya no tiene poder sobre ustedes. Y gracias a Cristo Jesús ahora viven para agradar a Dios. 12Por lo tanto, no permitan ustedes que el pecado domine su cuerpo mortal, ni obedezcan a sus malos deseos. 13No permitan que su cuerpo sea usado por el pecado para hacer lo malo. Al contrario, permitan que Dios use su cuerpo para hacer el bien, pues ustedes ahora son diferentes, es como si hubieran vuelto de la muerte a la vida. 14El pecado no tiene dominio sobre ustedes, porque ya no se les juzga de acuerdo a la Ley, sino que viven protegidos por el amor y la bondad de Dios.

Al servicio de lo que es justo

15Entonces, ¿qué? ¿Vamos a pecar porque no estamos ya bajo la Ley, sino bajo el amor y la bondad de Dios? ¡De ninguna manera! 16Ustedes saben bien que, si alguien decide siempre obedecer a una persona, llegará a ser su esclavo. Así que, somos esclavos o del pecado que lleva a la muerte o de la obediencia por medio de la cual somos declarados justos. 17Pero, gracias a Dios, aunque antes eran esclavos del pecado, ahora viven obedeciendo de corazón la enseñanza que les fue dada. 18Fueron liberados del pecado y ahora son esclavos al servicio de lo que es justo.

19Les digo todo esto con palabras sencillas que todos entienden, porque son cosas difíciles para ustedes. Antes usaban ustedes su cuerpo para servir a la maldad, y eso los hizo esclavos del mal. Úsenlo ahora para servir a lo que es justo, porque eso los hará vivir apartados del mal. 20Cuando ustedes eran esclavos del pecado, no estaban obligados a hacer el bien. 21¿Y qué ganaron con eso? ¡Vergüenza! Porque hicieron cosas que llevan a la muerte. 22Pero ahora que han sido liberados del pecado y se han puesto al servicio de Dios, viven apartados del mal y han ganado la vida eterna. 23Pues el pecado solo produce muerte, mientras que el regalo de Dios da vida eterna cuando creemos en Cristo Jesús, nuestro Señor.