Romafoɔ 10 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 10:1-21

Gyidie Ne Bɔneka

1Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ. 2Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu. 3Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. 4Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.

5Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.” 6Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” 7Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? 8Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. 9Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. 10Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ. 11Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.” 12Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. 13Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.”

14Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”

16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ:

“Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,

na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”

19Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ,

“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.

Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”

20Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ,

“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me;

medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”

21Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ,

“Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu

ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”

Het Boek

Romeinen 10:1-21

1Broeders, de wens van mijn hart en mijn bede tot God zijn op hun redding gericht! 2En ik moet van hen getuigen, dat ze ijver hebben voor God, maar niet aan het juiste inzicht gepaard. 3Want daar ze de gerechtigheid Gods niet hebben begrepen, en een eigen gerechtigheid tot stand wilden brengen, hebben ze zich niet onderworpen aan de gerechtigheid Gods. 4Immers Christus is het eind van de Wet, om te rechtvaardigen al wie gelooft. 5Zeker, Moses schrijft, dat de mens, die de gerechtigheid der Wet onderhoudt, daarin zal leven. 6Maar de gerechtigheid uit het geloof spreekt aldus: “Zeg niet in uw hart: wie zal opstijgen ten hemel, om Christus namelijk af te doen komen; 7of wie zal naar de afgrond dalen, om Christus te doen opstijgen uit de doden.” 8Neen, wat zegt ze? “Dicht bij u is het woord, in uw mond en in uw hart;” en dit is het woord des geloofs, dat wij preken. 9Welnu, wanneer ge belijdt met uw mond, dat Jesus de Heer is, en gelooft met uw hart, dat God Hem uit de doden heeft opgewekt, dan zult ge worden gered; 10want men gelooft met het hart ter rechtvaardiging, en men belijdt met de mond ter redding. 11De Schrift immers zegt: “Al wie in Hem gelooft, zal niet beschaamd komen te staan.” 12Neen, er bestaat geen onderscheid tussen Jood en Griek; Hij toch is dezelfde Heer voor allen; rijk voor allen, die Hem aanroepen; 13“Al wie immers de naam des Heren zal aanroepen, zal worden gered.” 14Hoe zullen ze Hem dan aanroepen, in wien ze niet hebben geloofd? En hoe zullen ze in Hem geloven, van wien ze niet hebben gehoord? 15En hoe zal men preken, als men niet gezonden is? Zoals er geschreven staat: “Hoe lieflijk zijn de voeten van hen, die de blijde boodschap brengen!” 16Maar niet allen hebben gehoor gegeven aan de Blijde Boodschap. Want Isaias zegt: “Heer, wie heeft onze prediking geloofd?” 17Het geloof ontstaat dus door de prediking; de prediking geschiedt krachtens opdracht van Christus. 18Maar dan vraag ik: Hebben ze haar misschien niet gehoord? Toch wel! “Hun stem heeft zich over heel de aarde verbreid, En hun woorden tot aan de uiteinden der wereld.” 19Maar dan vraag ik: Heeft Israël het misschien niet begrepen? Maar vooreerst zegt reeds Moses: “Ik zal u afgunstig maken op een volk, dat geen volk is, En toornig op een volk zonder begrip.” 20En Isaias durft zeggen: “Ik ben gevonden door wie Mij niet zochten, Heb Mij geopenbaard aan wie Mij niet ondervroegen.” 21Maar tot Israël zegt hij: “De ganse dag stak Ik mijn handen uit Naar een ongelovig en weerbarstig volk.” De verwerping van Israël is niet volkomen.