Nnwom 98 – ASCB & NSP

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 98:1-9

Dwom 98

Dwom.

1Monto dwom foforɔ mma Awurade,

ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;

ne nsa nifa ne ne basa kronkron no

anya nkwagyeɛ ama no.

2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ

na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.

3Wakae nʼadɔeɛ

ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;

asase ano nyinaa ahunu

yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,

momfa nnwontoɔ nni ahurisie;

5Momfa sankuo nto dwom mma Awurade,

sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,

6momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,

nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.

7Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;

asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.

8Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,

mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;

9ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim,

ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn.

Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn

na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

New Serbian Translation

Псалми 98:1-9

Псалам 98

Псалам.

1Певајте Господу нову песму,

јер је чудеса учинио!

Десница му донесе победу

и мишица његова света.

2Спасење је своје Господ обзнанио,

наочиглед народа је објавио праведност своју.

3Сетио се своје милости

и своје верности према дому Израиљевом,

и сви су крајеви земље

видели спасење Бога нашег.

4Ускликни Господу, земљо сва!

Подвикујте, запевајте и засвирајте!

5Засвирајте Господу уз харфу;

и уз харфу, и уз звуке песме.

6Уз трубе, уз јеку рогова

ускликните пред царем Господом!

7Нека хучи море и све што је у њему,

свет и његови становници.

8Нек рукама запљескају реке,

с њима горе нек радосно кличу

9пред Господом;

јер долази да суди земљи,

да поштено суди свету

и људима по правди.