Nnwom 8 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 8:1-9

Dwom 8

Dawid dwom.

1Ao Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.

Wode wʼanimuonyam

atimtim ɔsoro nohoa,

2mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfoɔ nti;

na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

3Sɛ mehwɛ wo soro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsrane ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

4onipa ne hwan a wokae no,

na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ

na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7nnwankuo ne nantwikuo nyinaa

ne wiram mmoa nso,

8ewiem nnomaa

ne ɛpo mu mpataa,

deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.

9Ao, Awurade, yɛn Awurade,

wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 8:1-9

Dwom 8

Dawid dwom.

1Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.

Wode wʼanuonyam

atimtim ɔsoro nohɔ,

2mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfo nti;

na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

3Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsram ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

4onipa ne hena a wokae no,

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

6Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

7nguankuw ne anantwikuw nyinaa

ne wuram mmoa nso,

8wim nnomaa

ne po mu mpataa,

nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

9Awurade, yɛn Awurade,

wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!