Nnwom 62 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 62:1-12

Dwom 62

Dawid dwom.

1Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu;

me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.

2Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;

ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.

3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?

Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?

Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.

4Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me

afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;

wɔn ani gye atorɔ die ho.

Wɔde wɔn ano hyira

na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.

5Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;

na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.

6Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;

ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.

7Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;

ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.

8Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;

monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.

9Nnipa nyinaa te sɛ home;

akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;

sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;

wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.

10Mommfa mo ho nto nsisie so

na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho;

ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ,

nanso mommfa mo akoma nto so.

11Asɛm baako na Onyankopɔn aka,

nsɛm mmienu na mateɛ sɛ,

wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,

12na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ.

Ampa ara, wobɛtua obiara ka

sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.