Nnwom 60 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 60:1-12

Dwom 60

Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no.

1Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu;

wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!

2Woawoso asase no na woapae mu;

toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.

3Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne;

woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.

4Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so

sɛ wɔntu ntia kuntun no.

5Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

6Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ,

“Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bɔnhwa no.

7Gilead wɔ me, Manase wɔ me;

Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ,

ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.

8Moab yɛ me dwaresɛn,

Edom so na meto me mpaboa guo;

na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”

9Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?

10Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn

na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?

11Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,

na ɔdasani mmoa nka hwee.

12Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,

na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 60:1-12

Dwom 60

Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no.

1Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu;

wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!

2Woawosow asase no na woapae mu;

toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.

3Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne;

woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.

4Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so

sɛ wontu ntia agyan no.

5Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

6Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,

“Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusuw Sukot bon no.

7Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;

Efraim yɛ me dade kyɛw,

Yuda yɛ mʼahempema.

8Moab yɛ me guasɛn,

Edom so na metow me mpaboa gu;

na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”

9Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

10Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn

na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

11Boa yɛn tia ɔtamfo no,

na ɔdesani mmoa nka hwee.

12Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,

na obetiatia yɛn atamfo so.