Nnwom 22 – ASCB & CARSA

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 22:1-31

Dwom 22

Dawid dwom.

1Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?

Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware,

adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?

2Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so,

mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome.

3Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni;

wo na Israel kamfo woɔ.

4Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ;

wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.

5Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn,

wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.

6Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa

nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.

7Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw;

wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:

8“Ɔde ne ho to Awurade so;

ma Awurade mmɛgye no.

Ma ɔmmɛboa no,

ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”

9Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ

na womaa mede me ho too wo so

ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo.

10Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ;

ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn.

11Ntwe wo ho mfiri me ho!

Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn

na ɔboafoɔ nni baabi.

12Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;

Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.

13Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu

abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.

14Wɔahwie me agu sɛ nsuo,

na me nnompe nyinaa ahodwo.

Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku;

anane afiri me mu.

15Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu.

Na me tɛkrɛma atare mʼanom.

Wode me ato owuo mfuturo mu.

16Nkraman atwa me ho ahyia

nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia,

wɔahwire me nsa ne me nan mu.

17Mɛtumi akan me nnompe nyinaa;

Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.

18Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa,

na wɔbɔ me ntoma so ntonto.

19Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho.

Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me.

20Gye me kra firi akofena ano;

gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase.

21Gye me nkwa firi gyata anom;

gye me firi ɛkoɔ mmɛn so.

22Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;

mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.

23Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no!

Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam!

Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!

24Ɔmmuu nʼani nguu

ɔmanehunufoɔ ateetee so,

ɔmfaa nʼanim nhintaa no;

na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa.

25Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo;

mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.

26Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee;

wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ.

Mo akoma nnya nkwa daa.

27Asase ano nyinaa

bɛkae akɔ Awurade nkyɛn,

na amanaman no mmusua nyinaa

bɛkoto nʼanim,

28ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awurade

na ɔdi amanaman so ɔhene.

29Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no;

wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim,

wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.

30Nkyirimma nyinaa bɛsom no;

wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ.

31Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ

nnipa a wɔnnya nwoo wɔn

ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.

Священное Писание (Восточный перевод), версия с «Аллахом»

Забур 22:1-6

Песнь 22

Песнь Давуда.

1Вечный – мой пастух;

я ни в чём не буду нуждаться.

2Он покоит меня на зелёных пастбищах

и водит меня к тихим водам.

3Он душу мою оживляет

и ведёт меня по путям праведности

ради имени Своего.

4Пусть пойду и долиною тёмной, как смерть,

не устрашусь я зла,

потому что Ты со мной;

Твой жезл и Твой посох –

они успокаивают меня.

5Ты приготовил мне пир

на виду у моих врагов,

умастил мне голову маслом

и сделал жизнь мою полной чашей.

6Так, благо и милость да будут со мною

все дни моей жизни,

и пребуду я в доме Вечного

покуда жив.