Nnwom 16 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 16:1-11

Dwom 16

Dawid mpaeɛbɔ.

1Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn,

na wo mu na menya hintabea.

2Meka kyerɛɛ Awurade sɛ,

“MʼAwurade ne wo;

menni adepa biara ka wo ho.”

3Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ,

wɔne animuonyamfoɔ a

mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.

4Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no

wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.

Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi

na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.

5Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;

woama me kyɛfa anya banbɔ.

6Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka;

ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.

7Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;

na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.

8Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.

Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.

9Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie;

me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,

10ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.

Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.

11Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan,

na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,

na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so.