Nnwom 109 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 109:1-31

Dwom 109

Dawid dwom.

1Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,

mmua wʼano,

2na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ

atu wɔn ano agu me so;

wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.

3Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia

na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.

4Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,

nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.

5Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,

na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.

6Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;

na Satan nnyina ne nsa nifa so.

7Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ,

na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.

8Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;

na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.

9Ma ne mma nyɛ nwisiaa

na ne yere nyɛ okunafoɔ.

10Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;

ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.

11Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;

na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.

12Mma obiara nhunu no mmɔbɔ

Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.

13Ma nʼase nhye,

na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.

14Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;

na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.

15Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,

na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.

16Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,

na mmom ɔtaa ahiafoɔ

mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.

17Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome

enti nnome mmra ne so;

wampɛ sɛ ɔbɛhyira

enti nhyira mmɔ no.

18Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;

ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo,

ne ne nnompe mu sɛ ngo.

19Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,

ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.

20Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,

wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

21Nanso, wo Ao Asafo Awurade,

wo din enti, wo ne me nni no yie;

firi wʼadɔeɛ mu gye me.

22Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,

na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.

23Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma;

wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.

24Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;

mafɔn na ama aka me nnompe.

25Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;

sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.

26Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;

gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.

27Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,

na wo na woayɛ, Ao Awurade.

28Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;

sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,

nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.

29Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;

na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.

30Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;

mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.

31Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so

sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.