Nnwom 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 1:1-6

NKYƐMU A ƐDI KAN

Nnwom 1–41

Dwom 1

1Nhyira ne onipa a

ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo

na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.

2Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,

na ɛso nʼaba ne berɛ mu a

nʼahahan no nnwan.

Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.

4Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;

wɔte sɛ ntɛtɛ a

mframa bɔ guo.

5Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,

na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.

6Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan

nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.