Nnwom 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 1:1-6

NKYƐMU A ƐDI KAN

Nnwom 1–41

Dwom 1

1Nhyira ne onipa a

ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo

na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.

2Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,

na ɛso nʼaba ne berɛ mu a

nʼahahan no nnwan.

Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.

4Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;

wɔte sɛ ntɛtɛ a

mframa bɔ guo.

5Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,

na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.

6Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan

nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 1:1-6

ƆFA A EDI KAN

Nnwom 1–41

Dwom 1

1Nhyira ne onipa a

ontie amumɔyɛfo afotu

na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi

na ɔntena fɛwdifo tenabea.

2Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,

na osusuw ho awia ne anadwo.

3Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho,

na ɛsow nʼaba ne bere mu a

nʼahaban no nguan da.

Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.

4Nanso nnebɔneyɛfo nte saa;

wɔte sɛ ntɛtɛ a

mframa bɔ gu.

5Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano,

na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.

6Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan

nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.