Ababaawa:
1Meyɛ Saron nhwiren2.1 Yɛhunu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafoɔ fam.
ne bɔnhwa mu sukooko.
Aberanteɛ:
2Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no
saa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu.
Ababaawa:
3Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no
saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu.
Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka
na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
4Ɔde me akɔ apontoɔ ase,
na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ.
5Momma me bobe aba na menya ahoɔden,
momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,
ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.
6Ne nsa benkum da mʼatikɔ,
na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
7Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ
morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
8Tie! Me dɔfoɔ!
Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,
ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so
na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.
9Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.
Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,
ɔhwɛ mpomma no mu,
wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.
10Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ,
“Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ
na bra me nkyɛn.
11Hwɛ! Awɔberɛ atwam;
na osutɔ atwam kɔ.
12Nhwiren afifiri asase ani:
nnwontoɔ berɛ aso.
Wɔte mmorɔnoma su
wɔ yɛn asase so.
13Borɔdɔma agu nhyerɛnne;
na bobe hwa agye baabiara.
Sɔre bra, me dɔfoɔ;
mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
Aberanteɛ:
14Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu
ahinta wɔ mmepɔ so,
ma me nhunu wʼanim;
ma mente wo nne;
wo nne yɛ dɛ,
na wʼanim yɛ fɛ.
15Monkyekyere sakraman no mma yɛn,
sakraman nketewa no
a wɔsɛe bobe nturo,
yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.
Ababaawa:
16Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no;
ɔhwehwɛ sukooko no mu.
17Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkye
na sunsumma bɛsene akɔ no,
dane wo ho me dɔfoɔ,
na yɛ sɛ ɔtwewa
anaa ɔforoteɛ a
ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.