Nehemia 1 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 1:1-11

1Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie:

Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu. 2Me nuanom mmarima mu baako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wɔfiri Yuda ba bɛsraa me. Mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔatumi atena nnommumfa mu no ho asɛm ne sɛdeɛ nsɛm rekɔ so wɔ Yerusalem.

3Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”

4Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ. 5Afei, mekaa sɛ,

“Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no, 6tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne! 7Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.

8“Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose sɛ, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so. 9Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’

10“Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no. 11Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.”

Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.

Chinese Contemporary Bible

尼希米记 1:1-11

尼希米的祷告

1以下是哈迦利亚的儿子尼希米的记述。

波斯亚达薛西二十年基斯流月1:1 基斯流月”即希伯来历的九月,阳历是十一月中旬到十二月中旬。,我在书珊城里。 2犹大来了我的一个兄弟哈拿尼和一些人,我问他们有关从流亡之地归回的犹太余民和耶路撒冷的情况。 3他们回答说:“那些从流亡之地归回犹大省的人深陷苦难,饱受凌辱。耶路撒冷的城墙已经倒塌,城门也被烧毁。”

4我一听见这消息,就坐下痛哭,悲伤了好几天。我在天上的上帝面前禁食祷告,说:

5“天上的上帝耶和华啊,你是伟大而可畏的上帝,你向爱你、守你诫命的人守约,施慈爱。 6仆人在你面前昼夜为你的众仆人以色列民祈祷,求你睁眼察看,侧耳倾听。我承认以色列人向你所犯的罪,以及我和我的家族所犯的罪。 7我们行事败坏,没有遵守你赐给你仆人摩西的诫命、律例和典章。 8求你顾念你对你仆人摩西所说的话,‘如果你们不忠,我必把你们驱散到列邦中。 9但如果你们转向我,谨遵我的诫命,即使你们流落天涯,我也必从那里把你们召集到我选为我名所在之地。’ 10我们是你的仆人、你的子民,是你用大能大力救赎的。 11主啊,求你侧耳听你仆人的祷告,垂听那些喜爱敬畏你名的众仆人的祈求,使你仆人今天亨通,在王面前蒙恩。”

我是王的侍酒总管。