Ninewe Nnome
1Nnome nka mogya kuropɔn
a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma
na amanehunufoɔ mmpa mu da!
2Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye,
nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi
Apɔnkɔ rehurihuri
ne nteaseɛnam redenkye denkye.
3Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim
akofena twa nyinam nyinam
na mpea nso pa yerɛ yerɛ.
Atɔfoɔ bebree,
awufoɔ a ebi deda ebi soɔ,
afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ
a nnipa tiatia soɔ.
4Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,
ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.
Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman
na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.
5“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,
“Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.
Mɛma amanaman ahunu wʼadagya
na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.
6Mede efi bɛfɔre wo ho,
mɛbu wo animtia
na mama nnipa ahwɛ wo.
7Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,
‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’
Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”
8Woyɛ sene Tebes a
ɛda Asubɔnten Nil ho a
nsuo atwa he ho ahyia anaa?
Asubɔnten bɔ ne ho ban
na nsuo yɛ ne fasuo.
9Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.
Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.
10Nanso wɔfaa no dommum
twaa no asuo.
Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam
ma wɔtetee wɔ mmɔntene so.
Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,
na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
11Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ
Na wo bɛhinta wo ho
de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.
12Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua
a aso aba foforɔ:
sɛ wɔwoso a
aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.
13Hwɛ wʼakofoɔ
wɔn nyinaa yɛ mmaa!
Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ;
ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.
14Sesa nsuo sie ma otua no.
Yere wo banbɔ mu!
Wɔ dɔteɛ no
na siesie ntayaa a wato no!
15Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;
akofena bɛtwa wo ahwe fam,
na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.
Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!
16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,
wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,
nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa
na afei wɔtu kɔ.
17Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ.
Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo
a wɔsensam ban ho awɔ da.
Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ,
na obi nnim faako a wɔkɔ.
18Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.
Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome.
Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so
a wɔnni anoboaboafoɔ.
19Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;
wo pira no mu yɛ den.
Obiara a ɔte wo nka no
bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho,
Na hwan koraa na wommɔɔ
no atirimuɔden da?