Mmɛbusɛm 28 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 28:1-28

1Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,

nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.

2Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.

3Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no

te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.

4Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.

5Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.

6Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm

yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.

7Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,

nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.

8Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no

ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.

9Sɛ obi nni mmara so a,

ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.

10Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

11Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.

12Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;

nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

13Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.

14Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,

nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.

15Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no

te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

16Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,

na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.

17Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,

ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;

mma obiara mmɔ ne ho ban.

18Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,

nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,

nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.

20Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,

na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.

21Animhwɛ nyɛ,

nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.

22Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ

na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.

23Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire

asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno

na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no,

ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.

25Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.

26Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea,

na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.

27Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,

nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;

na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.