Mateo 6 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 6:1-34

Papayɛ Ho Kɔkɔbɔ

1“Monhwɛ yie na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa, amfa ampɛ animuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfasoɔ biara mfiri mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.

2“Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. 3Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhunu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhunu, 4na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

Mpaeɛbɔ Ho Kɔkɔbɔ

5“Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. 6Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka. 7Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo. 8Mo Agya Onyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no.

9“Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ:

“ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,

wo din ho nte.

10Wʼahennie mmra.

Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so,

sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro.

11Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ,

12na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,

sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.

13Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.

Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’

14Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo. 15Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”

Mmuadadie Ho Kɔkɔbɔ

16“Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. 17Sɛ wodi mmuada a, nunu wo tirim, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmm, 18na mma nnipa nhunu sɛ woredi mmuada, agye wʼAgya a ɔhunu deɛ woyɛ wɔ kɔkoam nyinaa no nko ara; na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

19“Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so, deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakye na asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia. 20Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia. 21Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.

22“Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno enti sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nyinaa yɛ hann. 23Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.

24“Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtan ɔbaako, na wadɔ ɔbaako anaasɛ ɔbɛsom ɔbaako yie, na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahodeɛ.

25“Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira. 26Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa? 27Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?

28“Adɛn enti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ sukooko. Wɔnnyɛ adwuma, anaasɛ wɔnwene ntoma ho. 29Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru sukooko yi. 30Na sɛ Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ na ɔkyena ɛnni hɔ ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo? 31Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho. 32Na wɔn a wɔnni gyidie no na ɛberɛ biara wɔdwene saa nneɛma no ho. Na mo deɛ, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. 33Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho. 34Enti, monnnwennwene ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de deɛ ɛhia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 6:1-34

论周济穷人

1“你们要小心,行善的时候不可张扬,故意叫人看见,否则就不能得你们天父的赏赐了。

2“因此,周济穷人的时候,不要大吹大擂,像那些伪君子在会堂和街市上所行的一样,以博取人们的赞赏。我实在告诉你们,他们得到的赏赐仅此而已。 3你们周济穷人的时候,右手所做的别叫左手知道, 4要不声不响地去做。这样,鉴察隐秘事的天父必赏赐你们。

论祷告

5“你们祷告时,不要像伪君子那样。他们喜欢站在会堂里和十字路口上公开祷告,故意让人看见。我实在告诉你们,他们得到的赏赐不过是人的赞赏。 6你们祷告的时候,要进入内室,关上门,向你们肉眼看不见的父祈祷,鉴察隐秘事的父必赏赐你们。

7“你们祷告时不可像外族人那样喋喋不休,他们以为长篇大论,就必蒙上帝垂听。 8不可像他们那样,因为在你们祷告以前,你们的父已经知道你们的需要了。

9“你们应当这样祷告,

“‘我们天上的父,

愿人们都尊崇你的圣名,

10愿你的国度降临,

愿你的旨意在地上成就,就像在天上成就一样。

11求你今天赐给我们日用的饮食。

12饶恕我们的罪,

就像我们饶恕了得罪我们的人。

13不要让我们遇见诱惑,

救我们脱离那恶者。

因为国度、权柄、荣耀都是你的,直到永远。阿们!’

14“如果你们饶恕别人的过犯,你们的天父也必饶恕你们的过犯。 15如果你们不饶恕别人的过犯,你们的天父也不会饶恕你们的过犯。

论禁食

16“你们禁食的时候,不要像伪君子那样愁眉苦脸,因为他们故意蓬头垢面,好让别人知道他们在禁食。我实在告诉你们,他们得到的赏赐不过是人的赞赏。 17你禁食的时候要梳头洗脸, 18不叫人们看出你在禁食,只让你肉眼看不见的父知道,鉴察隐秘事的父必赏赐你。

论积财

19“不要为自己在世上积攒财宝,世上有虫子咬,会生锈,又有贼闯进来偷。 20你们要把财宝积攒在天上,天上没有虫子咬,不会生锈,也没有贼闯进来偷。 21要知道,你的财宝在哪里,你的心也在哪里。

22“眼睛是身上的灯。如果你的眼睛明亮,全身都光明; 23要是你的眼睛昏花6:23 昏花”或作“邪恶”。,全身就黑暗。如果你里面的光黑暗了,那黑暗是多么大啊!

24“一个人不能服侍两位主人,因为他不是恨这位、爱那位,就是重这位、轻那位。你们不能又事奉上帝,又崇拜金钱。

不要忧虑衣食

25“所以我告诉你们,不要为生活忧虑,如吃什么、喝什么,也不要为身体忧虑,如穿什么。难道生命不比饮食重要吗?身体不比穿着重要吗?

26“你们看天上的飞鸟,它们不种,不收,也不在仓里积存粮食,你们的天父尚且养活它们,难道你们还不如飞鸟贵重吗? 27你们谁能用忧虑使自己多活片刻呢?

28“何必为穿着忧虑呢?你们看看野地的百合花是如何生长的,它们既不劳苦,也不纺织。 29但我告诉你们,就连所罗门王最显赫时的穿戴还不如一朵百合花! 30你们的信心太小了!野地里的草今天还在,明天就丢在炉中化为灰烬,上帝还这样装扮它们,何况你们呢? 31所以,你们不要忧虑‘吃什么?喝什么?穿什么?’ 32因为这些都是外族人的追求,你们的天父知道你们的需要。

33“你们要先寻求上帝的国和祂的义,这一切都会赐给你们。 34所以,不要为明天忧虑,因为明天自有明天的忧虑,一天的难处一天担就够了。