Owusɔreɛ
1Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.
2Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. 3Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera. 4Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ.
5Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, “Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, 6nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no. 7Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”
8Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn. 9Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no. 10Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no sɛ wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me wɔ hɔ.”
Deɛ Awɛmfoɔ No Kaeɛ
11Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn 13sɛ, “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’ ” 14Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” 15Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafoɔ No
16Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa sɛ wɔnkɔ so no so. 17Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara. 18Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ.”
Yesu Asɔre
1Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so.
2Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. 3Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera. 4Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo.
5Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, 6nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. 7Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”
8Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. 9Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no. 10Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”
Nea Awɛmfo No Kae
11Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ ” 14Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” 15Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ.
Ɔsoma Kɛse No
16Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so. 17Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara. 18Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”