Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim
1Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ. 2Afei, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
Yuda Ahonu
3Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ, 4“Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.”
Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.”
5Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma.
6Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.” 7Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no. 8Enti na wɔda so frɛ saa asase no sɛ, “Mogya Asase” de bɛsi ɛnnɛ yi. 9Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ, “Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu sɛ ɛfata, 10ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
Yesu Gyina Pilato Anim
11Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?”
Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.”
12Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13Pilato bisaa no sɛ, “Wonte deɛ wɔreka no anaa?” 14Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwanwa.
Wɔbu Yesu Kumfɔ
15Na ɛyɛ amrado no amanneɛ sɛ afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no. 16Saa afe no mu, na onipa bɔnefoɔ bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. 17Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” 18Na ɔnim pefee sɛ Yudafoɔ mpanin no de ɔtan na akyere Yesu ɛfiri sɛ, na wagye edin.
19Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.”
20Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu.
21Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?”
Na ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!”
22Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?”
Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
23Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
24Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25Nnipadɔm no sane bɔ gyee so bio sɛ, “Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so.”
26Afei Pilato yii Baraba firii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu.
Yesu Ho Fɛdie
27Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ. 28Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim hyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so.” 30Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam. 31Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
Wɔbɔ Yesu Asɛnnua Mu
32Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi. 33Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne “Nitire So.” 34Ɛhɔ na asraafoɔ no maa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom. 35Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto kyekyɛ faeɛ. 36Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛnee no. 37Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ,
“Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni.”
38Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 39Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ, 40“Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!” 41Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛ sɛ, 42“Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni. 43Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ” 44Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso hyɛɛ aseɛ dii ne ho fɛw.
Yesu Wuiɛ
45Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so afanan nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa. 46Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Aseɛ kyerɛ sɛ, “Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
47Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante aseɛ susuu sɛ ɔrefrɛ Elia.
48Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsã nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. 49Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa sɛ, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”
50Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.
51Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. 52Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. 53Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55Saa ɛberɛ no na mmaa bebree a Yesu ho dɔ enti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. 56Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho.
Wɔsie Yesu
57Ɛduruu anwummerɛ no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no 58kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no. 59Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, 60na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya hɔ akɔ. 61Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
Wɔwɛn Ɔboda No
62Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.’ 64Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.”
65Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.” 66Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no.
Yuda Sɛn Ne Ho
1Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu. 2Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
Yuda Ahonu
3Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se, 4“Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.”
Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”
5Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho.
6Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.” 7Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no. 8Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi. 9Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata, 10na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
Yesu Gyina Pilato Anim
11Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?”
Yesu buae se, “Wo na woaka.”
12Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?” 14Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.
Wobu Yesu Kumfɔ
15Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no. 16Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. 17Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” 18Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din.
19Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”
20Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu.
21Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?”
Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”
22Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?”
Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!”
23Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!”
24Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.”
26Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu.
Yesu Ho Fɛwdi
27Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ. 28Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.” 30Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso. 31Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
Wɔbɔ Yesu Asennua Mu
32Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi. 33Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.” 34Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom. 35Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae. 36Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no. 37Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se,
“YESU, YUDAFO HENE NO NI.”
38Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so. 39Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no 40se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!” 41Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se, 42“Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni. 43Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’ ” 44Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara.
Yesu Wu
45Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa. 46Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
47Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.”
48Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. 49Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.”
50Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.
51Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee. 52Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee. 53Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. 56Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho.
Wosie Yesu
57Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no, 58kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no. 59Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, 60na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ. 61Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
Wɔwɛn Ɔboda No
62Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’ 64Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”
65Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.” 66Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ.