Mateo 24 – ASCB & PEV

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 24:1-51

Asɔredansɛeɛ Ho Nkɔmhyɛ

1Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu. 2Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!”

Ɔhaw Ne Ɔtaa

3Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?”

4Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6Sɛ mote sɛ akokoakoko resi afanan nyinaa a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsane aba no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛsɛ sɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ. 7Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea. 8Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

9“Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa, 10na mo mu pii bɛsane akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho. 11Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. 12Bɔne bɛdɔɔso wɔ ewiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase. 13Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa. 14Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahennie no ho no wɔ ewiase afanan nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awieeɛ no bɛba.

Ahohia A Ɛyɛ Hu

15“Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ, 16wɔn a wɔte Yudea no nnwane nkɔ Yuda mmepɔ so. 17Mma obiara a ɔwɔ ne efie ɛdan atifi no nsiane nkɔfa biribiara mfiri ne efie hɔ. 18Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa wɔn ntoma. 19Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue! 20Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ anaa Homeda. 21Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.

22“Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre. 23Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni. 24Atorɔ Akristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no. 25Mabɔ mo kɔkɔ dada.

26“Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no asane aba na ɔwɔ ɛserɛ so a,’ monnha mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no; ‘anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a,’ monnye nni! 27Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no. 28Na deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.

29“Ɔtaa no akyiri pɛ

“ ‘awia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn;

na nsoromma bɛtete ahwe,

na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ɔsoro no.’

30“Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba. 31Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ totorobɛnto aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano.

32“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. 33Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ meba a mɛsane aba no abɛn, aduru apono ano. 34Nokorɛ mese mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 35Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa.

36“Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim. 37Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ. 38Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu, 39na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. 40Saa ɛberɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako. 41Saa ara nso na mmaa baanu a wɔwɔ efie renoa aduane no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako no no.

42“Enti, monwɛn ɛfiri sɛ, monnim da ko a Awurade bɛba. 43Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no, 44saa ara na ɛwɔ sɛ mosiesie mo ho, ɛfiri sɛ Onipa Ba no bɛba ɛberɛ a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.

Akoa Pa Anaa Akoa Bɔne

45“Hwan ne ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ no, deɛ ne wura de ne fidua mu asomfoɔ ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn adwuma wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu? 46Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 47Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. 48Na sɛ ɔyɛ akoa bɔne, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, ‘Me Wura nnya mmaeɛ,’ 49na ɔhyɛ aseɛ ha ne mfɛfoɔ nkoa, na ɔdidi, boro nsã a, 50ne Wura no bɛba ɛda a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. 51Ɔbɛtwe nʼaso denden, na ɔde no akɔ baabi a wɔbu nyaatwomfoɔ atɛn; ɛhɔ na wɔtwa agyaadwoɔ na wɔtwɛre wɔn se.

La Parola è Vita

Matteo 24:1-51

Profezie di Gesù

1Mentre Gesù usciva dal tempio, i suoi discepoli gli si avvicinarono per fargli osservare le varie costruzioni del tempio.

2Ma egli disse loro: «Tutti questi edifici saranno rasi al suolo e non resterà neppure una pietra sullʼaltra!»

3Più tardi, mentre erano seduti sul Monte degli Ulivi, i discepoli gli chiesero: «Quando accadrà questo? E quali saranno gli avvenimenti che segneranno il tuo ritorno e la fine del mondo?» 4Gesù rispose:

«Non lasciatevi ingannare da nessuno!

5Perché molti verranno, dicendo di essere il Messia, e inganneranno tante persone. 6Quando sentite parlare di guerre, non abbiate paura, tutto ciò deve accadere, ma non sarà ancora la fine del mondo.

7Le nazioni e i regni della terra combatteranno gli uni contro gli altri, e ci saranno carestie e terremoti in molti paesi. 8Ma tutto questo sarà soltanto lʼinizio degli orrori che verranno.

9Allora sarete torturati e uccisi, e odiati da tutto il mondo, per causa mia. 10Allora molti di voi ricadranno nel peccato, si tradiranno lʼun lʼaltro e si odieranno a vicenda. 11Appariranno molti falsi profeti che inganneranno molta gente. 12Il male dilagherà ovunque e raffredderà lʼamore di molti.

13Ma quelli che resisteranno fino alla fine saranno salvati.

14E la Buona Notizia del Regno sarà predicata per tutto il mondo: tutti i popoli dovranno udirla. E allora, finalmente, verrà la fine.

15Quando vedrete la cosa orribile (di cui parla il profeta Daniele) posta in un luogo santo (chi legge cerchi di capire!), 16allora quelli che saranno in Giudea, fuggano sui monti; 17e chi sarà nella propria veranda non rientri neppure in casa a preparare i bagagli prima della fuga; 18chi sarà nei campi non torni a casa neppure per prendere i propri abiti.

19E guai alle donne incinte e a quelle che hanno figli piccoli in quei giorni! 20E pregate che la vostra fuga non avvenga dʼinverno, né di sabato. 21Perché in quei giorni ci sarà una tribolazione tale, come al mondo non si era mai vista prima, né si vedrà mai più.

22Infatti, se quei giorni non fossero abbreviati, tutta lʼumanità perirebbe. Ma saranno abbreviati per amore dei prescelti di Dio.

23Se allora qualcuno dice: “È arrivato il Cristo nel tal posto o nel tal altro”, o, “è apparso qui o là, o laggiù nel villaggio…” voi non fidatevi. 24Perché si faranno avanti falsi cristi e falsi profeti che compiranno miracoli così meravigliosi, tanto da ingannare, se fosse possibile, anche i prescelti da Dio. 25Ecco, vi ho avvisato.

26Perciò se qualcuno vi dice che Cristo è ritornato e si trova nel deserto, non preoccupatevi di andare a vedere. O, che si nasconde in un certo posto, non credeteci! 27Perché, come il lampo attraversa il cielo da Est ad Ovest, così sarà il mio arrivo, quando io, il Messia, ritornerò. 28E ovunque ci sono i cadaveri, là si radunano gli avvoltoi.

29Immediatamente dopo la tribolazione di quei giorni:

“il sole si oscurerà,

la luna diventerà nera,

le stelle cadranno dal cielo,

e le potenze dei cieli saranno sconvolte”.

30Allora, finalmente, apparirà nel cielo il segno del mio arrivo e tutti i popoli della terra piangeranno. E le nazioni del mondo mi vedranno arrivare sulle nuvole del cielo, con potenza e grande gloria. 31E manderò avanti i miei angeli col suono di una potente tromba, per radunare quelli che ho scelto da tutti i più lontani confini della terra e del cielo.

32Ora imparate la lezione dallʼalbero del fico. Quando i suoi rami diventano teneri e le foglie cominciano a spuntare, voi capite che lʼestate sta per arrivare. 33Allo stesso modo, quando vedrete che queste cose cominciano ad accadere, saprete che il mio ritorno è vicino, proprio alle porte. 34Allora, finalmente, questo periodo di grazia sarà giunto alla conclusione.

35Il cielo e la terra scompariranno, ma le mie parole rimarranno per sempre. 36Ma nessuno sa il giorno e lʼora in cui verrà la fine, neppure gli angeli. No, neppure il Figlio di Dio. Soltanto Dio Padre lo sa.

37-38Il mondo sarà negli agi. Ci saranno banchetti, feste, matrimoni, proprio come al tempo di Noè, prima del diluvio.

39Anche allora la gente non volle credere a ciò che stava per accadere, finché non venne il diluvio allʼimprovviso, e spazzò via tutti quanti. Così accadrà anche per il mio arrivo.

40Due uomini saranno insieme a lavorare nei campi: uno sarà preso e lʼaltro lasciato. 41Due donne torneranno dal mercato con le loro borse una sarà presa e lʼaltra lasciata.

42Siate quindi pronti, perché non sapete in che giorno tornerà il vostro Signore.

43Questo considerate: se un padrone di casa sapesse in quale ora viene il ladro, veglierebbe e non si lascerebbe scassinare la casa. 44Perciò anche voi state sempre pronti, perché il Figlio dellʼuomo verrà quando meno ve lo aspettate.

45Siete voi quei saggi e fedeli servi del Signore a cui è stato affidato il compito di badare alla mia casa e di nutrire i miei figli giorno per giorno? 46Siate benedetti, se al mio ritorno vi troverò che compite fedelmente il vostro lavoro! 47A voi miei fedeli affiderò tutti i miei beni.

48Ma se siete malvagi e dite in cuor vostro: “Il mio Signore non viene ancora”, 49e cominciate a maltrattare i vostri compagni, a straviziare e ad ubriacarvi, 50il vostro Signore arriverà, quando meno ve lo aspettate, 51vi punirà severamente e vi assegnerà la sorte che meritano gli ipocriti; là piangerete digrignando i denti».