Yesu Sa Obi A Ne Nsa Awuo Yadeɛ
1Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. 2Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no! 3Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.”
4Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no.
5Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie. 6Ɛhɔ ara, Farisifoɔ no kɔhyiaa Herodefoɔ no ne wɔn susuu ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
Nnipadɔm Tu Di Yesu Akyi
7Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem, 8Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. 9Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ. 11Ɛberɛ biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi bɛhunu no no, wɔtwa hwe fam, woso biribiri, ka sɛ, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
Asuafoɔ Dumienu No Yie
13Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ so frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14Ɔyii wɔn mu dumienu a daa wɔne no bɛnante, na wɔakɔka asɛmpa no, 15na wɔatu ahonhommɔne nso.
16Dumienu a ɔyii wɔn no din nie:
Simon a ɔtoo no din foforɔ Petro.
17Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma.
18Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea,
Filipo,
Bartolomeo,
Mateo,
Toma,
Alfeo ba Yakobo,
Tadeo, ne
Simon ɔmanyɛfoɔ,
19ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.
20Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi. 21Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.”
Yesu Ka Nyaatwomfoɔ Anim
22Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.”
23Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam? 24Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu. 25Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no. 26Na sɛ Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo. 27Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28Mereka akyerɛ mo sɛ, bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no; 29nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”
30Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, na wɔka sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne.”
Yesu Maame Ne Ne Nuanom
31Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
34Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom! 35Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”
Yesu Sa Yare Homeda
1Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. 2Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! 3Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.
4Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso wɔammua no.
5Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye. 6Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
Dɔm Tu Di Yesu Akyi
7Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, 8Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. 9Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade. 11Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
Yesu Paw Asuafo Dumien No
13Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no, 15na wɔatu ahonhommɔne nso.
16Dumien a oyii wɔn no din ni:
Simon, a ɔtoo no din foforo Petro.
17Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a ɔtoo wɔn din Boanerges, a ase ne “aprannaa mma”.
18Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea,
Filipo,
Bartolomeo,
Mateo,
Toma,
Alfeo ba Yakobo,
Tadeo ne
Simon ɔmanyɛfo,
19na Yuda Iskariot a oyii no mae no.
20Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. 21Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.”
Yesu Ka Nyaatwomfo Anim
22Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”
23Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan? 24Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu. 25Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no. 26Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu. 27Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no; 29nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”
30Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.”
Yesu Na Ne Ne Nuanom
31Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?”
34Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, “Eyinom ne me na ne me nuanom! 35Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”