Marko 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 2:1-28

Yesu Sa Obubuafoɔ Bi Yadeɛ

1Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ. 2Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ. 4Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

6Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim 7sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”

8Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo? 9Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’? 10Enti mɛkyerɛ mo sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ.” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, 11“Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo efie na wo ho atɔ wo.” 12Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”

Yesu Frɛ Lewi

13Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no. 14Ɛberɛ a ɔnam mpoano hɔ no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.

15Saa ɛda no anadwofa, Lewi too ɛpono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. 16Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?”

17Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.”

Mmuadadie Ho Asɛmmisa

18Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?”

19Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka sɛ, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da. 20Nanso, ɛda bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

21“Ɛte sɛ wode ntoma foforɔ atare ntoma dada mu. Ɛdeɛn na ɛba? Ntaremu no bɛte ntoma dada no mu, na ayi afiri mu, na ama tokuro a ɛda hɔ no aso asene kane deɛ no. 22Monim sɛ, wɔmfa nsã foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no bɛhwie agu, na nkotokuo a nsã no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.”

Homeda Die Ho Asɛm

23Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi weeɛ. 24Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ wɔbu aburoo Homeda.”

25Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn efie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara no pɛn? Na ɛno nso tia mmara.

27“Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa. 28Na me, Onipa Ba no mpo, meyɛ Homeda no nso wura!”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 2:1-28

Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare

1Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ. 2Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ. 4Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

6Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim 7se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”

8Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? 9Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’ 10Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ,” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, 11“Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ, fa wo kɛtɛ, na kɔ fie.” 12Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!”

Yesu Frɛ Lewi Na Ɔne Nnebɔneyɛfo Didi

13Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no. 14Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ɔka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.” Na Lewi sɔre dii nʼakyi.

15Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. 16Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?”

17Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”

Wobisa Yesu Asɛm Fa Mmuadadi Ho

18Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”

19Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da. 20Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

21“Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no. 22Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”

Yesu Yɛ Homeda Wura

23Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee. 24Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?”

25Yesu nso bisaa wɔn se, “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.

27“Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa. 28Enti Onipa Ba no yɛ Homeda so wura mpo!”