Marko 14 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 14:1-72

Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔ

1Aka nnanu na Twam Afahyɛ14.1 Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae ɛberɛ a Awurade bɔfoɔ bɛtwaam faa Hebrifoɔ anim na ɔkunkumm wɔn mmakan sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraimfoɔ afie mu no. (Hwɛ 2 Mose 12.11) ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. 2Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

3Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.

4Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. 5Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”

6Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? 7Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. 8Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. 9Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.”

Yuda Pene So Sɛ Ɔbɛyi Yesu Ama

10Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. 11Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie

12Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.

13Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. 14Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”

16Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ.

17Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. 18Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.”

19Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?”

20Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”

Adidi Kronkron Asehyɛ

22Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me onipadua.”

23Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.

24Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. 25Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

26Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpa No No Ho Nkɔm

27Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ,

“ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no abɔ apete.’

28Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.”

29Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”

30Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”

31Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.

Yesu Bɔ Mpaeɛ Wɔ Getsemane

32Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.” 33Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. 34Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

35Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”

37Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? 38Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.”

39Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. 40Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.

41Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 42Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!”

Wɔkyere Yesu

43Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.

44Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.” 45Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu. 46Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. 47Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.

48Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa? 49Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” 50Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.

51Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.

Yesu Gyina Ɔsɔfopanin Anim

53Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. 54Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.

55Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.

57Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58“Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.

60Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?” 61Yesu ammua no.

Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”

62Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.”

63Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?”

Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo. 65Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.

Petro Pa Yesu

66Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”

68Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee.

69Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!” 70Petro saneeɛ bio.

Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!”14.70 Petro kasa na ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Galileani.

71Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”

72Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.