Luka 5 – ASCB & NVI

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 5:1-39

Asuafoɔ No Frɛ

1Ɛda bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtadeɛ ho no, nnipakuo bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Onyankopɔn asɛm. 2Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho. 3Yesu kɔtenaa kodoɔ no baako a na ɛyɛ Simon dea no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ɔmpia nkɔ nsuo no mu kakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi afiri hɔ akasa akyerɛ nnipa no.

4Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na monkɔgu mo asau no na mobɛyi nam bebree.”

5Simon kaa sɛ, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm enti, yɛbɛgu yɛn asau no.”

6Wɔguu asau no na wɔyii nam bebree maa anka mpo asau no retete. 7Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.

8Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9Ɛnam dodoɔ a wɔyiiɛ no yɛɛ Petro ne nʼahokafoɔ no nwanwa. 10Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa.

Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.” 11Wɔde akodoɔ no bɛduruu nsuo no ano hɔ no, wɔgyaa wɔn nneɛma nyinaa hɔ bɛdii nʼakyi.

Ɔkwatani Bi Ayaresa

12Ɛda bi a Yesu wɔ kuro bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotoo nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”

13Ɛhɔ ara Yesu tenee ne nsa de kaa no kaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ.

14Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.”

15Yesu anwanwadwuma a ɔyɛeɛ yi maa ne ho asɛm trɛɛ mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree bɛtiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yadeɛ nso. 16Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ.

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

17Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi. 19Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

21Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”

22Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?” 23Yesu bisaa wɔn sɛ, “Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka sɛ, sɔre na nante? 24Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!” 25Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ, yii ne kɛtɛ kɔɔ efie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26Wɔn a wɔgyina hɔ no ho dwirii wɔn. Ehu kaa wɔn. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.”

Yesu Frɛ Lewi

27Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” 28Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.

29Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase. 30Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wɔnwiinwii bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi?”

31Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.”

Mmuadadie Ho Asɛmmisa

33Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio sɛ, “Adɛn enti na Yohane Osubɔni asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no deɛ wɔtaa di mmuada, na wʼasuafoɔ deɛ daa wɔdidi na wɔnom?”

34Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforɔ ase no di mmuada, wɔ ɛberɛ a ayeforɔ kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? 35Nanso, da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.”

36Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Obi mmfa ntoma foforɔ ntare ntoma dada mu. Ɔyɛ saa a foforɔ no bɛma dada no asuane. Afei, ɛbɛma nsonsonoeɛ ada foforɔ no ne dada no ntam. 37Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe. 38Yei enti, nsã nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu. 39Obi nnnom nsã dada nnwie mmisa nsã foforɔ ase. Deɛ ɔnom no ka sɛ, ‘dada no na ɛyɛ.’ ”

Nueva Versión Internacional

Lucas 5:1-39

Los primeros discípulos de Jesús

1Un día estaba Jesús a orillas del lago de Genesaret, y la gente lo rodeaba para escuchar el mensaje de Dios. Eran muchos y lo apretujaban. 2Entonces Jesús vio dos barcas que los pescadores habían dejado en la playa mientras lavaban las redes. 3Subió a una de las barcas, que pertenecía a Simón, y le pidió que la alejara un poco de la orilla. Luego se sentó y enseñaba a la gente desde la barca.

4Cuando acabó de hablar, le dijo a Simón:

―Lleva la barca hacia aguas más profundas, y echen allí las redes para pescar.

5―Maestro, hemos estado trabajando duro toda la noche y no hemos pescado nada —le contestó Simón—. Pero, como tú me lo mandas, echaré las redes.

6Así lo hicieron, y recogieron una cantidad tan grande de peces que las redes se rompían. 7Entonces llamaron por señas a sus compañeros de la otra barca para que los ayudaran. Ellos se acercaron y llenaron tanto las dos barcas que comenzaron a hundirse.

8Al ver esto, Simón Pedro cayó de rodillas delante de Jesús y le dijo:

―¡Apártate de mí, Señor; soy un pecador!

9Es que él y todos sus compañeros estaban asombrados ante la pesca que habían hecho. 10También Santiago y Juan, hijos de Zebedeo, que eran socios de Simón, estaban sorprendidos.

―No temas; desde ahora serás pescador de personas —le dijo Jesús a Simón.

11Así que llevaron las barcas a tierra y, dejándolo todo, siguieron a Jesús.

Jesús sana a un leproso

12En otra ocasión, cuando Jesús estaba en un pueblo, se presentó un hombre cubierto de lepra. Al ver a Jesús, cayó rostro en tierra y le suplicó:

―Señor, si quieres, puedes sanarme.

13Jesús extendió la mano y tocó al hombre.

―Sí, quiero —le dijo—. ¡Queda sano!

Y al instante se le quitó la lepra.

14―No se lo digas a nadie —le ordenó Jesús—. Solo ve, preséntate al sacerdote y lleva por tu sanidad la ofrenda que ordenó Moisés. Eso les servirá de testimonio.

15Sin embargo, la fama de Jesús se extendía cada vez más. Por eso venían a él muchas personas para oírlo y para que las sanara de sus enfermedades. 16Él, por su parte, acostumbraba retirarse a lugares solitarios para orar.

Jesús perdona y sana a un paralítico

17Un día, mientras enseñaba, estaban sentados allí algunos fariseos y maestros de la Ley. Habían venido de todas las aldeas de Galilea y Judea y también de Jerusalén. Y el poder del Señor estaba con él para sanar a los enfermos. 18Entonces llegaron unos hombres que llevaban en una camilla un paralítico. Procuraron entrar para ponerlo delante de Jesús, 19pero no pudieron porque había mucha gente. Así que lo subieron al techo. Y, separando las tejas, lo bajaron en la camilla hasta ponerlo en medio de la gente, frente a Jesús.

20Al ver la fe de ellos, Jesús dijo:

―¡Amigo, tus pecados quedan perdonados!

21Los maestros de la Ley y los fariseos comenzaron a pensar: «¿Quién es este que ofende a Dios? ¿Quién puede perdonar pecados sino solo Dios?».

22Pero Jesús supo lo que estaban pensando y les dijo:

―¿Por qué piensan así? 23¿Qué es más fácil, decirle: “Tus pecados quedan perdonados”, o decirle: “Levántate y anda”? 24Pues, para que sepan que el Hijo del hombre tiene autoridad en la tierra para perdonar pecados —se dirigió entonces al paralítico—: A ti te digo, levántate, toma tu camilla y vete a tu casa.

25Al instante se levantó a la vista de todos, tomó la camilla en que había estado acostado y se fue a su casa alabando a Dios. 26Todos quedaron asombrados y ellos también alababan a Dios. Estaban llenos de temor y decían: «Hoy hemos visto maravillas».

Jesús llama a Leví

27Después de esto salió Jesús y se fijó en un cobrador de impuestos llamado Leví, sentado a la mesa donde cobraba.

«Sígueme», le dijo Jesús.

28Y Leví se levantó, lo dejó todo y lo siguió.

29Luego, Leví le ofreció a Jesús un gran banquete en su casa, y había allí muchos cobradores de impuestos y otras personas que estaban comiendo con ellos. 30Pero los fariseos y los maestros de la Ley, que eran de un mismo grupo, criticaban a los discípulos de Jesús:

―¿Por qué comen y beben ustedes con cobradores de impuestos y con pecadores?

31―No son los sanos los que necesitan médico, sino los enfermos —les contestó Jesús—. 32No he venido a llamar a justos, sino a pecadores para que se arrepientan.

Jesús y el ayuno

33Algunos le dijeron a Jesús:

―Los discípulos de Juan ayunan y oran con frecuencia, lo mismo que los discípulos de los fariseos, pero los tuyos se la pasan comiendo y bebiendo.

34Jesús les respondió:

―¿Acaso pueden obligar a los invitados del novio a que ayunen mientras él está con ellos? 35Llegará el día en que se les quitará el novio; en aquellos días sí ayunarán.

36Les contó esta parábola:

―Nadie quita un pedazo de tela de un vestido nuevo para remendar un vestido viejo. De hacerlo así, la tela nueva se encogerá y romperá el vestido nuevo. Además, el pedazo nuevo no hará juego con el vestido viejo. 37Tampoco se echa vino nuevo en recipientes de cuero viejos. De hacerlo así, el vino nuevo hará reventar el cuero. Entonces se derramará el vino y los recipientes se arruinarán. 38Más bien, el vino nuevo debe echarse en recipientes nuevos. 39Y nadie que haya bebido vino añejo quiere el nuevo, porque dice: “El añejo es mejor”.