Yesu Kyerɛ Mpaeɛbɔ
1Ɛda bi, na Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ baabi. Ɔwieeɛ no, nʼasuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaeɛbɔ, sɛdeɛ Yohane kyerɛɛ nʼasuafoɔ mpaeɛbɔ no.”
2Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ,
“‘Agya,
wo din ho nte,
wʼahennie mmra.
3Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ.
4Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn
sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.
Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’”
5Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Me nua, fɛm me aduane kakra, 6ɛfiri sɛ, ɔhɔhoɔ bi abɛfu me mu, na menni aduane biara a mede bɛma no,’ 7na ɔbɛma no mmuaeɛ afiri ne dan mu sɛ, ‘Nha me! Mato me ɛpono mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’ 8Mereka akyerɛ mo sɛ, na ade asa no enti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso, ɛsiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no enti, ɛbɛma wasɔre ama no deɛ ɛhia no no nyinaa.
9“Ɛno enti mereka akyerɛ mo sɛ; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mobɛhunu; mompem na wɔbɛbue mo. 10Na obiara a ɔbisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
11“Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ, 12anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ ɔbisa nkosua a ɔbɛma no nyanyankyerɛ? 13Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wɔbisa no no!”
Yesu Ne Beelsebul
14Ɛberɛ bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mumu firii onipa bi mu. Honhommɔne no tu firii ne mu no, ɔkasaeɛ ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwirie. 15Nanso, ebinom kaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul tumi so na ɛtu ahonhommɔne.” 16Afoforɔ nso pɛɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ enti, wɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.
17Nanso, ɔhunuu wɔn adwene maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Kuro biara a emu akyekyɛ no dane amamfo. Saa ara nso na efie biara a emu kyekyɛ no guo. 18Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne. 19Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. 20Nanso, sɛ menam Onyankopɔn tumi so na ɛtu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahennie no aba mo so.
21“Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ; 22nanso, sɛ deɛ ne ho yɛ den na ɔwɔ akodeɛ pa sene no kɔ ne so a, ɔdi ne so nkonim, gye nʼakodeɛ a ɔde ne ho too so no, sesa nʼagyapadeɛ no nyinaa kɔ.
23“Obiara a ɔnni mʼafa no tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.
24“Sɛ wɔtu honhommɔne firi onipa bi mu a, ɛkyinkyini hwehwɛ homebea, nanso, ɛnnya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mifirii ne mu baeɛ no mu bio.’ 25Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. 26Afei, ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Yei ma onipa no sɛe koraa sene sɛdeɛ anka na ɔte kane no.”
Adeɛ A Ɛho Hia
27Yesu gu so rekasa no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu kaa sɛ, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufoɔ a wonumuu ano!”
28Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom deɛ, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”
Yudafoɔ Bisa Nsɛnkyerɛnneɛ
29Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ahunu nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. 30Na sɛdeɛ Yona yɛeɛ no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama nnɛmma yi. 31Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi, ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha. 32Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.
Kanea Adwuma
33“Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. 34Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm. 35Enti hwɛ yie na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum. 36Sɛ wo onipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛdeɛ kanea hyerɛn gu wo so.”
Farisini Bi Efie Adidie
37Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi hyiaa no adidie enti ɔkɔeɛ sɛ ɔne no rekɔdidi. 38Farisini no hunuu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwanwa.
39Yesu hunuu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no sɛ, “Mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro nkukuo ne nwowaa ho, nanso efi, anibereɛ ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! 40Adwenemherɛfoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no ara na ɔyɛɛ emu nso? 41Monyɛ ahiafoɔ adɔeɛ na biribiara ho bɛte ama mo.
42“Mo Farisifoɔ, monnue! Moma mo nnɔbaeɛ so ntotosoɔ dudu, nanso mototo adeteneneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ badwa mu a, mopɛ sɛ nnipa hunu mo kyea mo.
43“Mo Farisifoɔ, monnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanin tenaberɛ na mopɛ.
44“Monnue! Ɛfiri sɛ, mote sɛ adamena a ɛso asram na nnipa nante so a wɔnnim sɛ wɔnam adamena so.”
45Mmaranimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”
46Yesu buaa no sɛ, “Mo mmaranimfoɔ nso, monnue! Mohyɛ mmara a ɛyɛ den ma nnipa, nanso mo deɛ, monni so sɛ sɛdeɛ ɛsɛ.
47“Monnue! Ɛfiri sɛ, moatoto adiyifoɔ a mo ankasa anaa mo agyanom kumm wɔn no nna so. 48Mo nneyɛeɛ yi di adanseɛ sɛ mopene deɛ mo agyanom yɛeɛ no so. Nʼasekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkumm adiyifoɔ no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn. 49Yei ne deɛ Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ aba mo nkyɛn na mobɛkunkum bi na moataa wɔn a aka no.’ 50Mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ no mogya a wɔka gu firi ewiase ahyɛaseɛ no, 51ɛfiri Habel kum so kɔsi Sakaria, a wɔkumm no wɔ afɔrebukyia ne kronkronbea ntam hɔ no so, wɔbɛbisa ɛho asɛm afiri mo nkyɛn.
52“Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”
53Ɔfiri Farisini no efie hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ no dii nʼakyi de nsɛmmisa dwanee ne ho, 54pɛɛ sɛ ɔka biribi a wɔbɛgyina so anya no akyere no.
عيسی دعا كردن را به شاگردان میآموزد
1روزی عيسی مشغول دعا بود. وقتی دعايش تمام شد، يكی از شاگردان به او گفت: «خداوندا، همانطور كه يحيی طرز دعا كردن را به شاگردان خود آموخت، تو نيز به ما بياموز.»
2عيسی به ايشان گفت كه چنين دعا كنند: «ای پدر، نام مقدس تو گرامی باد. ملكوت تو برقرار گردد. 3نان مورد نياز ما را هر روز به ما ارزانی فرما. 4گناهان ما را ببخش، چنانكه ما نيز آنانی را كه به ما خطا كردهاند، میبخشيم. ما را از وسوسههای شيطان دور نگه دار.»
5-6سپس تعليم خود را درباره دعا ادامه داد و فرمود: «فرض كنيد كه نيمه شب، مهمانی از راه دور برای شما میرسد و شما چيزی برای خوردن در خانه نداريد. اجباراً درِ خانهٔ دوستی را میزنيد و از او سه نان قرض میخواهيد. 7او از داخل خانه جواب میدهد كه با بچههايش در رختخواب خوابيده است و نمیتواند برخيزد و به شما نان دهد.
8«اما مطمئن باشيد كه حتی اگر از روی دوستی اين كار را نكند، اگر مدتی در بزنيد، در اثر پافشاری شما برخواهد خاست و هر چه بخواهيد به شما خواهد داد. 9در دعا نيز بايد چنين كرد. آنقدر دعا كنيد تا جواب دعايتان داده شود. آنقدر جستجو كنيد تا بيابيد. آنقدر در بزنيد تا باز شود. 10زيرا هر كه درخواست كند، به دست خواهد آورد؛ هر كه جستجو كند، خواهد يافت؛ و هر كه در بزند، در به رويش باز خواهد شد.
11«شما كه پدر هستيد، اگر فرزندتان از شما نان بخواهد، آيا به او سنگ میدهيد؟ يا اگر ماهی بخواهد، آيا به او مار میدهيد؟ 12يا اگر تخم مرغ بخواهد، آيا به او عقرب میدهيد؟ هرگز!
13«پس اگر شما، اشخاص گناهكار، میدانيد كه بايد چيزهای خوب را به فرزندانتان بدهيد، چقدر بيشتر پدر آسمانی شما میداند كه بايد روحالقدس را به آنانی كه از او درخواست میكنند، ارزانی دارد!»
تهمت به عيسی
14يكبار عيسی، روح پليدی را از جسم يک لال بيرون كرد و زبان آن شخص باز شد. كسانی كه اين ماجرا را ديدند، بسيار تعجب كردند و به هيجان آمدند. 15اما بعضی از آن ميان گفتند: «جای تعجب نيست كه او میتواند ارواح پليد را اخراج كند، چون قدرت انجام اين كارها را از شيطان كه رئيس همه ارواح پليد است، میگيرد!» 16عدهای ديگر نيز از او خواستند تا كاری كند كه در آسمان اتفاق عجيبی بيفتد، و به اين طريق ثابت شود كه او همان مسيح موعود است.
17عيسی افكار هر يک از ايشان را خواند و فرمود: «هر حكومتی كه به دستههای مخالف تقسيم شود، رو به نابودی خواهد رفت، و هر خانهای كه گرفتار مشاجرات و جنگ و جدال گردد، از هم خواهد پاشيد. 18از اين رو، اگر گفته شما درست باشد، يعنی اينكه شيطان بر ضد خود میجنگد و به من قدرت داده تا ارواح پليد او را بيرون كنم، در اين صورت حكومت او چگونه برقرار خواهد ماند؟ 19و اگر قدرت من از طرف شيطان است، پس قدرت آن عده از مريدان شما كه ارواح پليد را بيرون میكنند، از كجاست؟ آيا اين نشان میدهد كه آنها آلت دست شيطان هستند؟ اگر راست میگوييد، همين سؤال را از ايشان بكنيد! 20اما اگر من با قدرت خدا ارواح پليد را از وجود مردم بيرون میكنم، اين ثابت میكند كه ملكوت خدا در ميان شما آغاز شده است.
21«تا زمانی كه شيطان، نيرومند و مسلح، از كاخ خود محافظت میكند، كاخش در امن و امان است. 22اما وقتی كسی نيرومندتر و مسلحتر از او به او حمله كند، بر او پيروز خواهد شد و او را خلع سلاح خواهد كرد و تمام دارايیاش را از دستش خواهد گرفت.
23«هر كه طرفدار من نباشد، بر ضد من است. هر كه مرا ياری نكند، در واقع عليه من كار میكند.
24«هنگامی كه روح پليد از وجود شخصی اخراج میشود، برای استراحت به بيابانها میرود. اما چون جای مناسبی نمیيابد، نزد همان شخصی كه از وجودش بيرون رفته بود، باز میگردد، 25و میبيند كه خانه سابقش جارو شده و تميز است. 26پس میرود و هفت روح بدتر از خود را نيز میآورد و همگی داخل وجود او میشوند. آنگاه وضع آن شخص، بدتر از حالت اولش میگردد.»
27اين سخنان هنوز بر زبان عيسی بود كه زنی از ميان جمعيت با صدای بلند گفت: «خوشا به حال آن مادری كه تو را به دنیا آورد و شير داد!»
28عيسی در جواب گفت: «بلی، اما خوشبختتر از مادر من، كسی است كه كلام خدا را میشنود و به آن عمل میكند!»
مردم بیايمان زمان عيسی
29-30هنگامی كه جمعيت انبوهی نزد او گرد آمدند، عيسی فرمود: «مردم اين دوره و زمانه چقدر شرورند! همواره از من طالب علامتی هستند تا يقين حاصل كنند كه من همان مسيح موعود میباشم. اما تنها علامتی كه من به آنان نشان خواهم داد، رويدادی است نظير آنچه بر يونس پيامبر گذشت، كه به مردم نينوا ثابت كرد كه خدا او را فرستاده است. علامت من نيز به اين مردم ثابت خواهد كرد كه از جانب خدا آمدهام.
31«در روز داوری، ”ملكهٔ سبا“ برخواهد خاست و مردم اين دوره و زمانه را محكوم خواهد ساخت، زيرا او با زحمت فراوان، راهی دراز را پيمود تا بتواند سخنان حكيمانه ”سليمان“ را بشنود. اما شخصی برتر از سليمان در اينجاست و چه كم هستند آنانی كه به او توجه میكنند.
32«در آن روز، مردم شهر نينوا برخواهند خاست و مردم اين نسل را محكوم خواهند ساخت، زيرا آنها بر اثر موعظه يونس توبه كردند. در حالی که شخصی برتر از يونس در اينجاست اما اين مردم توجهی به او ندارند.
دينداری با خلوص نيت
33«هيچكس چراغ را روشن نمیكند تا پنهانش سازد، بلكه آن را در جايی میآويزد كه نورش بر هر كه وارد اتاق میشود، بتابد. 34چشم نيز چراغ وجود است! چشم پاک همچون تابش آفتاب، اعماق وجود انسان را روشن میكند. اما چشم ناپاک و گناهآلود، جلو تابش نور را میگيرد و انسان را غرق تاريكی میسازد. 35پس هشيار باشيد، مبادا به جای نور، تاريكی بر وجودتان حكمفرما باشد! 36اگر باطن شما نورانی بوده و هيچ نقطه تاريكی در آن نباشد، آنگاه سراسر وجودتان درخشان خواهد بود، گويی چراغی پر نور بر شما میتابد.»
عيسی از رهبران مذهبی انتقاد میکند
37-38وقتی عيسی سخنان خود را به پايان رسانيد، يكی از فريسیها، او را برای صرف غذا به خانهٔ خود دعوت كرد. عيسی دعوت او را پذيرفت و به خانه او رفت. وقتی بر سر سفره مینشستند، عيسی برخلاف رسم يهود، دستهای خود را نشست. ميزبان بسيار تعجب كرد!
39عيسی به او فرمود: «شما فريسيان، ظاهرتان را میشوييد و پاک میسازيد، اما باطنتان ناپاک است و پر از حرص و طمع و شرارت! 40ای نادانان، آيا همان خدايی كه ظاهر را ساخت، باطن را نساخت؟ 41اما بهترين نشانه پاكی باطن، همانا سخاوتمندی و گشاده دستی است.
42«وای بر شما ای فريسیها كه هر چند با دقت كامل، يک دهم تمام درآمدتان را در راه خدا میدهيد، اما عدالت و محبت خدا را به کلی فراموش كردهايد. يک دهم درآمد را البته بايد داد، اما عدالت و محبت را نيز نبايد فراموش كرد.
43«وای بر شما ای فريسیها، كه دوست داريد در عبادتگاهها در صدر بنشينيد و در كوچه و بازار از مردم احترام ببينيد! 44چه عذاب هولناكی در انتظار شماست! شما مانند قبرهايی هستيد كه در صحرا ميان علفها پنهانند، مردم از كنارتان رد میشوند بیآنكه بدانند چقدر فاسد هستيد.»
45يكی از علمای دين كه در آنجا ايستاده بود، به عيسی گفت: «استاد، با اين سخنانت به ما نيز توهين كردی!»
46عيسی فرمود: «بلی، همين عذاب هولناک در انتظار شما نيز هست. شما تكاليف دينی بسيار سنگينی بر دوش مردم میگذاريد، و هيچ نمیكوشيد آنها را به گونهای تعليم دهيد كه انجامشان برای مردم آسانتر گردد. 47وای بر شما، چون درست مانند اجداد خود هستيد كه در گذشته پيامبران خدا را كشتند. 48شما كارهای شرمآور پدرانتان را تصديق میكنيد و اگر خودتان هم بوديد، همان كارها را میكرديد.
49«از همين روست كه خدا با حكمتی كه دارد درباره شما فرموده است: پيامبران و رسولان نزد شما خواهم فرستاد، اما شما برخی را كشته، و برخی ديگر را آزار خواهيد رساند. 50بنابراين، خدا انتقام خون همه انبیا را كه از ابتدای پيدايش جهان تا به حال ريخته شده است، از شما خواهد گرفت، 51از خون ”هابيل“ گرفته تا خون ”زكريا“ كه در خانه خدا در ميان قربانگاه و جايگاه مقدس كشته شد. بلی، خون همه آنها به گردن شماست! 52وای بر شما ای علمای دين، چون حقيقت را از مردم پنهان میكنيد، نه خودتان آن را میپذيريد و نه میگذاريد ديگران به آن ايمان بياورند.»
53وقتی عيسی از آن محفل بيرون آمد، فريسیها و علمای دين كه از سخنان او بسيار خشمگين شده بودند، او را به سختی مورد انتقاد قرار داده، كوشيدند با سؤالات خود او را در تنگنا قرار دهند. 54ايشان از آن پس در صدد برآمدند كه با استفاده از سخنان خودش او را به دام بيندازند و گرفتارش سازند.