Kwadwom 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Kwadwom 1:1-22

1Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie,

kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma?

Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a

kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu?

Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no

abɛyɛ afenaa ɛnnɛ.

2Ɔsu yaayaaya anadwo,

nisuo sensane nʼafono so.

Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no,

ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ.

Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ

Wɔayɛ nʼatamfoɔ.

3Amanehunu ne adwumaden akyi no,

Yuda kɔ nnommumfa mu.

Ɔte amanaman no mu

na ɔnni ahomegyebea

Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no

wɔ nʼahokyere mu.

4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,

ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.

Nʼapono nyinaa adeda mpan,

na nʼasɔfoɔ si apinie,

ne mmabaawa di yea,

na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.

5Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;

wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.

Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so

nʼamumuyɛ bebrebe enti.

Ne mma kɔ nnommumfa mu.

Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.

6Animuonyam nyinaa atu

afiri Ɔbabaa Sion so kɔ.

Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ

a wɔnnya adidibea;

na wɔde mmerɛyɛ adwane

wɔ wɔn ataafoɔ anim.

7Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,

Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa

a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu.

Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,

na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.

Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no

na wɔseree ne sɛeɛ.

8Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ

enti ne ho agu fi.

Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,

ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya;

ɔno ankasa gu ahome

na ɔdane nʼani.

9Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu;

wannwene ne daakye ho.

Nʼasehweɛ yɛ nwanwa;

obiara ankyekyere ne werɛ.

“Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu,

ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.”

10Ɔtamfoɔ no de ne nsa too

nʼademudeɛ nyinaa so;

ɔhunuu sɛ amanaman

rehyɛne ne kronkronbea hɔ,

nnipa a woabra sɛ

wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.

11Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie

ɛberɛ a wɔrepɛ aduane;

wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane

de nya ahoɔden.

“Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,

ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.”

12“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa?

Monhwɛ na monhunu.

Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ

a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?

Deɛ Awurade de baa me so

wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

13“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,

ma ɛbaa me nnompe mu.

Ɔsum afidie maa me nan

na ɔsane me kɔɔ mʼakyi.

Ɔyɛɛ me pasaa,

metɔɔ bira da mu nyinaa.

14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;

ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.

Abɛda me kɔn mu

na Awurade atwe mʼahoɔden.

Ɔde me ahyɛ wɔn a

merentumi nnyina wɔn anim no nsa.

15“Awurade apo

ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;

wafrɛ akodɔm atia me

sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.

Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so

wɔ ne nsakyiamena hɔ.

16“Yeinom enti na mesu

na nisuo adware me.

Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.

Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.

Me mma agyigya

ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”

17Sion trɛ ne nsa mu

nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ

Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ

ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;

Yerusalem abɛyɛ

afideɛ wɔ wɔn mu.

18Awurade yɛ ɔteneneeni,

nanso manni nʼahyɛdeɛ so.

Montie, mo amanaman nyinaa

monhwɛ me yea.

Me mmeranteɛ ne mmabaawa

kɔ nnommumfa mu.

19“Mefrɛɛ mʼapamfoɔ

nanso wɔyii me maeɛ.

Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ

ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu,

ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi

na wɔanwuwu.

20“Ao Awurade, hwɛ me mmɔborɔ!

Meredi ɛyea wɔ me mu,

na mʼakoma mu nso menni ahotɔ,

ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ.

Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so;

efie nso yɛ owuo nko ara.

21“Nnipa ate mʼapinisie,

nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.

Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu

wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho.

Ma nna a woahyɛ no mmra

sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me.

22“Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim;

na wo ne wɔn nni

sɛdeɛ wo ne me adie

ɛsiane mʼamumuyɛ no enti.

Mʼapinisie dɔɔso

na mʼakoma aboto.”