Kolosefoɔ 4 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

Kolosefoɔ 4:1-18

1Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.

2Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase. 3Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no. 4Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa. 5Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. 6Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.

Nkyea

7Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. 8Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no. 9Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfoɔ nokwafoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.

10Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so.

11Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.

12Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ. 13Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.

14Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.

15Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.

16Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.

17Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”

18Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

歌罗西书 4:1-18

1你们做主人的,对待奴仆要公平合理,别忘了你们也有一位天上的主。

勉励祷告

2你们要以感恩和警醒的心恒切祷告。 3要为我们祷告,求上帝为我们打开传道的门,好传扬基督的奥秘——我就是为此而被囚禁的。 4也要求上帝使我能尽自己的本分把这奥秘讲清楚。

5你们要把握时机,运用智慧和非信徒交往。 6谈吐要温和、风趣4:6 风趣”希腊文是“用盐调和”。,知道该怎样回答每个人。

结语

7有关我一切的事情,推基古会告诉你们。他是我亲爱的弟兄,是和我一同事奉主的忠仆。 8我特意派他去见你们,好让你们知道我们的近况,并鼓励你们。 9这次和他同行的还有另一位忠心的弟兄——亲爱的阿尼西谋,他是你们那里的人。他们会把这里的详细情形告诉你们。

问候

10和我一同坐牢的亚里达古问候你们,巴拿巴的表弟马可也问候你们。关于马可,我嘱咐过你们,如果他去你们那里,你们要接待他。 11耶数,又名犹士都,问候你们。受过割礼的犹太基督徒中,只有这三人和我一同为上帝的国工作,他们是我的安慰。 12来自你们那里、做基督耶稣奴仆的以巴弗弟兄问候你们。他常常恳切地为你们祷告,好使你们信心坚定,生命成熟,深知上帝一切的旨意。 13他为了你们以及老底嘉希拉波立的弟兄姊妹而不辞劳苦,这是我可以作证的。 14此外,亲爱的路加医生和底马也问候你们。 15请代我问候在老底嘉的弟兄姊妹,也问候宁法姊妹和在她家里聚会的人。 16你们当众宣读这封信后,也要交给老底嘉教会宣读,你们也要宣读老底嘉教会转给你们的信。 17请告诉亚基布务要完成主交给他的工作。 18保罗亲笔问候你们。请你们不要忘记狱中的我。

愿上帝的恩典常与你们同在!