Hosea 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 2:1-23

1“Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’ ”

Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio

2“Ka wo maame anim, ka nʼanim,

na ɔnnyɛ me yere

na mennyɛ ne kunu.

Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no

na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.

3Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma

na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no;

mɛma wayɛ sɛ anweatam,

mɛdane no asase a awo wesee

na mama osukɔm akum no.

4Merennɔ ne mma,

ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.

5Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ

na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu.

Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi,

wɔn a wɔma me aduane ne nsuo,

ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’

6Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan;

mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan.

7Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn;

ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn.

Afei, ɔbɛka sɛ,

‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no,

ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’

8Ɔnnkae sɛ me na

memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo,

deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so

ma wɔde kɔsom Baal no.

9“Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ,

ne me nsã foforɔ no nso saa ara.

Mɛgye me kuntu ne me nwera,

a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.

10Enti afei mɛbɔ no adagya

wɔ nʼadɔfoɔ anim;

obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.

11Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so:

nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ

Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.

12Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,

deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no;

mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,

ama wiram mmoa awe.

13Mɛtwe nʼaso wɔ nna a

ɔhyee aduhwam maa Baal no ho;

ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho,

tu dii nʼadɔfoɔ akyi,

medeɛ ne werɛ firii me,”

deɛ Awurade seɛ nie.

14“Enti merekɔdaadaa no;

mede no bɛkɔ anweatam so

na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.

15Mɛsane de ne bobe mfuo ama no.

Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no,

anidasoɔ ɛkwan.

Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no

ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.

16“Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ,

“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;

na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.

17Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano;

na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

18Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn,

wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa

ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.

Tadua, mpea ne ɔko,

mɛbra wɔ asase no so

sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.

19Mɛware wo afebɔɔ;

mɛyi tenenee ne atɛntenenee,

ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.

20Mɛware wo nokorɛ mu,

ama woahunu Awurade.

21“Saa ɛda no, mɛgye wo so,”

deɛ Awurade seɛ nie.

“Mɛgye ɔsoro so,

na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,

22na asase nso bɛgye mfudeɛ so:

bobe foforɔ ne ngo dua,

na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’.

23Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho;

mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no.

Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ

‘moyɛ me nkurɔfoɔ’,

na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 2:1-23

1“Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”

Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio

2“Ka wo na anim, ka nʼanim,

na ɔnyɛ me yere

na menyɛ ne kunu.

Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no

na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.

3Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama

na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no;

mɛma wayɛ sɛ nweatam,

mɛdan no asase a awo wosee

na mama osukɔm akum no.

4Merennɔ ne mma,

efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

5Wɔn na anyɛ ɔnokwafo

na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu.

Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi,

wɔn a wɔma me aduan ne nsu,

ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’

6Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan;

mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.

7Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn;

ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn.

Afei, ɔbɛka se,

‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no,

efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’

8Ɔnkae sɛ me na

memaa no aduan, nsa foforo ne ngo,

nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so

ma wɔde kɔsom Baal no.

9“Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade,

ne me nsa foforo no nso saa ara.

Megye me kuntu ne me nwera,

a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.

10Enti afei mɛbɔ no adagyaw

wɔ nʼadɔfo anim;

obiara rentumi nnye no mfi me nsam.

11Metwa nʼafahyɛ nyinaa so:

nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ

Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.

12Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,

nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no;

mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,

ama wuram mmoa awe.

13Mɛtwe nʼaso wɔ nna a

ɔhyew aduhuam maa Baal no ho;

ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho,

tu dii nʼadɔfo akyi,

me de, ne werɛ fii me,”

nea Awurade se ni.

14“Enti merekɔdaadaa no;

mede no bɛkɔ nweatam so

na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.

15Mɛsan de ne bobe mfuw ama no.

Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon,

anidaso pon.

Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no

ne bere a ofii Misraim no.

16“Saa da no,” sɛɛ na Awurade se,

“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;

na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.

17Meyi Baal ahorow din no afi nʼano;

na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

18Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn,

wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa

ne mmoa a wɔwea wɔ asase so.

Tadua, mpeaw ne ɔko,

mɛbra wɔ asase no so,

sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.

19Mɛware wo afebɔɔ;

mɛda trenee ne atɛntrenee,

ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.

20Mɛware wo nokware mu,

ama woahu Awurade.

21“Saa da no, megye wo so,”

nea Awurade se ni.

“Megye ɔsoro so,

na ɔsoro de osu begye asase so,

22na asase nso begye nnɔbae so:

bobe foforo ne ngodua,

na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’

23Mede Israel bedua asase no so ama me ho;

mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no.

Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se

‘moyɛ me nkurɔfo,’

na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”