Hiob 37 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 37:1-24

1“Yei ma mʼakoma bɔ paripari

na ɛbɔ denden pa ara.

2Tie! Tie ne nne mmobom,

ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.

3Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa

na ɔma ɛkɔduru asase ano.

4Ɛno akyi na ne mmobom no ba;

ɔde nne kɛseɛ bobom.

Sɛ ɔkasa a,

biribiara nsianka no.

5Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa;

ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.

6Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’

ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’

7Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti,

ɔma obiara gyae nʼadwuma.

8Wiram mmoa kɔtetɛ;

wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.

9Ahum tu firi ne pia mu,

na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.

10Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,

na nsuo hahanaa no kyene.

11Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;

na ɔtwa nʼanyinam fa mu.

12Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini

fa asase so nyinaa so hyia

yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara.

13Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,

anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.

14“Tie yei, Hiob;

gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.

15Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum,

na ɔma anyinam tete firi mu?

16Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem,

deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?

17Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu

ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no,

18wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem,

a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?

19“Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;

yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti.

20Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?

Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa?

21Obiara rentumi nhwɛ owia,

sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiem

ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.

22Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu;

Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu.

23Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ;

nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.

24Ɛno enti nnipa de anidie ma no,

na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.”