Hiob 20 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 20:1-29

Sofar Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

1Na Naamani Sofar buaa sɛ,

2“Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua

ɛfiri sɛ me ho yera me yie.

3Mate animka bi a ɛgu me ho fi,

na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua.

4“Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete,

ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so,

5sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu,

na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ.

6Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro,

na ne tiri kɔpem omununkum deɛ,

7nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan;

na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’

8Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio.

Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu.

9Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio;

na ne siberɛ nso renhunu no bio.

10Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ;

ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma.

11Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no

ne no bɛkɔ mfuturo mu.

12“Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ

na ɔde sie ne tɛkrɛma ase;

13ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu

na ɔma ɛka ne dodom,

14nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu;

ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu.

15Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no;

Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu.

16Ɔbɛfefe awɔ borɔ;

Ɔnanka se bɛkum no.

17Ɔrennya nsuwansuwa no nnom

nsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no.

18Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi;

ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani.

19Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo;

ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so.

20“Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu;

ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa.

21Wafom nneɛma nyinaa awie;

ne nkɔsoɔ nnuru baabiara.

22Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu;

na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.

23Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no,

Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so

na wabobɔ no basabasa.

24Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano

nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no.

25Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi,

ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu.

Ehu bɛba ne so;

26esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ.

Ogya a wɔmfite mu bɛhye no,

na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu.

27Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi,

na asase asɔre atia no.

28Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ,

saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no.

29Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ,

awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.”

New Amharic Standard Version

ኢዮብ 20:1-29

ሶፋር

1ናዕማታዊውም ሶፋር እንዲህ ሲል መለሰ፤

2“እጅግ ታውኬአለሁና፣

ሐሳቤ መልስ እንድሰጥ ይጐተጕተኛል።

3የሚያቃልለኝን ንግግር ሰምቼአለሁ፤

መልስም እሰጥ ዘንድ መንፈሴ ገፋፋኝ።

4“ሰው20፥4 ወይም አዳም ማለት ነው። በምድር ላይ ከተቀመጠ ጊዜ ጀምሮ፣

ከጥንቱ እንዴት እንደ ነበረ ታውቃለህን?

5የኀጢአተኞች መፈንጨት ለዐጭር ጊዜ፣

የክፉዎችም ደስታ ለቅጽበት መሆኑን አታውቅምን?

6እስከ ሰማይ ከፍ ከፍ ቢልም፣

ዐናቱም ደመናትን ቢነካ፣

7እንደ ኵበት ለዘላለም ይጠፋል፤

ቀድሞ ያዩትም፣ ‘የት ገባ?’ ይላሉ።

8እንደ ሕልም በርሮ ይጠፋል፤ አይገኝምም፤

እንደ ሌሊትም ራእይ በቅጽበት ያልፋል።

9ቀድሞ ያየው ዐይን ዳግመኛ አያየውም፤

የነበረበትም ቦታ ከእንግዲህ አይመለከተውም።

10ልጆቹ ለድኾች ካሳ መክፈል አለባቸው፤

እጆቹም ሀብቱን መልሰው መስጠት ይገባቸዋል።

11ዐጥንቱን የሞላው የወጣትነት ብርታት፣

ከእርሱ ጋር በዐፈር ውስጥ ይተኛል።

12“ክፋት በአፉ ውስጥ ቢጣፍጥ፣

ከምላሱም በታች ቢደብቀው፣

13አውጥቶ ለመጣል እየሳሳ፣

በአፉ ውስጥ ቢያቈየው፣

14ምግቡ በሆዱ ውስጥ ይመርራል፤

በውስጡም እንደ እባብ መርዝ ይሆናል።

15የዋጠውን ሀብት ይተፋል፤

እግዚአብሔርም መልሶ ከሆዱ ያወጣዋል።

16የእባብ መርዝ ይጠባል፤

የእፉኝትም ምላስ ይገድለዋል።

17ማርና ቅቤ በሚያፈስሱ ጅረቶች፣

በወንዞችም አይደሰትም።

18የለፋበትን ሳይበላው ይመልሳል፤

ከንግዱም ባገኘው ትርፍ አይደሰትም፤

19ድኾችን በመጨቈን ባዶ

አስቀርቷቸዋልና፣ ያልሠራውንም ቤት ነጥቋል።

20“ክፉ ምኞቱ ዕረፍት አይሰጠውም

ሀብቱም ሊያድነው አይችልም።

21ያለውን አሟጥጦ ስለሚበላ፣

ዘላቂ ብልጽግና አይኖረውም።

22በተድላ መካከል እያለ ጕስቍልና ይመጣበታል፤

በከባድ መከራም ይዋጣል።

23ሆዱን በሞላ ጊዜ፣

እግዚአብሔር የሚነድድ ቍጣውን ይሰድበታል፤

መዓቱንም ያወርድበታል።

24ከብረት መሣሪያ ቢሸሽም፣

የናስ ቀስት ይወጋዋል።

25ቀስቱን ከጀርባው፣

የሚያብለጨልጨውንም ጫፍ ከጕበቱ ይመዝዛል፤

ፍርሀትም ይይዘዋል፤

26ሀብቱ ለድቅድቅ ጨለማ ተዳርጓል፤

ሰው ባላራገበው እሳት ይበላል፤

በድንኳኑም ውስጥ የተረፈውን ይልሳል።

27ሰማያት ኀጢአቱን ይገልጡበታል፤

ምድርም ትነሣበታለች፤

28በእግዚአብሔር የቍጣ ቀን ቤቱን ጐርፍ፣

መኖሪያውንም ወራጅ ውሃ20፥28 ወይም በቤቱ ውስጥ ያለውን ንብረት ወራጅ ውሃ ይወስድበታል ማለት ነው። ይወስድበታል።

29እግዚአብሔር ለኀጢአተኞች የወሰነው ዕድል ፈንታ፣

ከአምላክም ዘንድ የተመደበላቸው ቋሚ ቅርስ ይህ ነው።”