Hiob 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 1:1-22

1Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us1.1 Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apueeɛ fam. Na Hiob nyɛ Israelni. asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. 2Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa, 3na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.

4Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. 5Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.

Hiob Sɔhwɛ A Ɛdi Ɛkan

6Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ. 7Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”

8Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.”

9Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa? 10Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so. 11Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”

12Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.”

Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ.

13Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no, 14ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, 15Sebafoɔ1.15 Na Sabafoɔ yɛ atukɔtenafoɔ a na wɔte Arabia anafoɔ fam. bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi.”

16Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

17Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa sɛ, “Kaldeafoɔ1.17 Na Kaldeafoɔ yɛ atukɔtenafoɔ a wɔte ɛserɛ a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman. de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

18Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie, 19na prɛko pɛ, ahum bi bɔ firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

20Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade 21kaa sɛ,

“Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ,

na adagya na mede bɛsane akɔ.

Awurade de maeɛ, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!”

22Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.