Hebrifoɔ 9 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 9:1-28

1Na apam a ɛdi ɛkan9.1 Apam a wɔyɛɛ Sinai no (8.3) no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom. 2Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. 3Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, 4na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ. 5Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata Adaka no nkatasoɔ no so si. Nanso, yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri seesei.

6Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; 7nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ. 8Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ. 9Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn. 10Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.

11Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu. 12Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn.

Nhyehyɛeɛ Foforɔ No

13Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibereɛ nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a, 14mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no?

15Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no.

16Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa samanseɛ no awu. 17Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Ɛberɛ a wawu no na ɛka biribi. 18Ɛno enti na apam a ɛdi ɛkan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. 19Deɛ ɛdi ɛkan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so 20kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.” 21Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. 22Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.

23Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma9.23 (8.5) Sɛdeɛ na ɛho hia sɛ wɔde mmoa te kronkron ho no, saa ara nana ɛho hia sɛ ɔsoro kronkron nso, wɔde afɔdeɛ a ɛkyɛn mmoa deɛ a ɛyɛ Yesu Kristo no ankasa no te ho. no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho. 24Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim. 25Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne. 27Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. 28Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

Persian Contemporary Bible

عبرانيان 9:1-28

پرستشگاه پيمان اول

1به هر حال، آن پيمان اول كه خدا با قوم خود بست، با مقرراتی برای عبادت و محلی برای پرستش همراه بود. اين محل پرستش، خيمه‌ای بود ساخته دست انسان. 2اين خيمه از دو قسمت تشكيل می‌شد. در قسمت اول كه «جايگاه مقدس» نام داشت، شمعدان طلايی، ميز و نان مقدس قرار می‌گرفت. 3قسمت دوم، «مقدسترین جايگاه» ناميده می‌شد و پرده‌ای آن را از قسمت اول جدا می‌كرد. 4در اين جايگاه، يک آتشدان طلايی و «صندوق عهد» قرار داشت. روكش داخلی و بيرونی اين صندوق از طلای خالص بود. داخل صندوق، دو لوح سنگی قرار داشت كه بر روی آنها «ده فرمان» خدا حک شده بود. يک ظرف طلايی پر از «مَنّ» نيز در آن صندوق بود. «مَنّ» همان نانی است كه خدا در بيابان هر روز به بنی‌اسرائيل می‌داد. همچنين، عصای هارون نيز كه روزگاری شكوفه آورده بود، در اين صندوق گذاشته شده بود. 5سرپوش صندوق عهد، «تخت رحمت» ناميده می‌شد. بالای تخت رحمت، مجسمهٔ دو فرشته قرار داشت كه بالهايشان را بر فراز تخت گسترده بودند. اين دو فرشته كه «كروبی» نام داشتند، نماينده جلال خدا بودند. تمام اينها، معانی خاصی دارند كه الان فرصت نيست به شرح آنها بپردازم.

6به هر حال، اين وسايل به اين ترتيب قرار می‌گيرند و كاهنان نيز برای انجام وظايف خود، هر روز وارد قسمت اول پرستشگاه می‌شوند. 7اما به قسمت دوم، فقط كاهن اعظم می‌تواند وارد شود، آن هم فقط سالی يک بار! او همراه خود مقداری خون قربانی به داخل می‌برد و بر تخت رحمت می‌پاشد، تا گناهان خود و گناهان قوم اسرائيل را كفاره كند.

8اما روح‌القدس از طريق تمام اين ترتيبات، اين نكته را به ما خاطرنشان می‌سازد كه مطابق شريعت و روش قديم، تا زمانی كه قسمت اول پرستشگاه برپاست، مردم عادی هيچگاه نخواهند توانست وارد مقدسترین جايگاه گردند. 9امروز، از اين موضوع می‌توانيم درس مهمی فرا بگيريم. طبق شريعت و روش قديم، مردم هدايا و قربانیها تقديم می‌كنند، اما هيچيک از اينها قادر نيست دل عبادت‌كننده را از آلودگی‌ها پاک سازد؛ 10زيرا اين شريعت فقط با تشريفات ظاهری سروكار دارد و به مسايلی نظير خوردن و نوشيدن و غسل و طهارت و نظاير آن می‌پردازد. مردم نيز موظف بوده‌اند به اين دستورات عمل نمايند و با آنها سر كنند تا زمانی كه مسيح ظهور نمايد و از جانب خدا راه و روش جديد و بهتری بياورد.

خون مسيح و پيمان جديد

11سرانجام، مسيح در مقام كاهن اعظم و عطا كنندهٔ بركاتی كه نصيب ما شده است، ظاهر شد. او وارد خيمهٔ عاليتر و كاملتر آسمان گرديد، خيمه‌ای كه نه ساخته دست انسان است و نه جزو عالم مخلوق. 12او يكبار برای هميشه به مقدسترین جايگاه وارد شد و خون قربانی را بر تخت رحمت پاشيد، اما نه خون بز يا گوساله، بلكه خون خود را، كه با آن نجات ابدی ما را فراهم ساخت.

13اگر مطابق شريعت و روش قديم، خون گاو و بز و خاكستر گوساله می‌توانست بدن انسان را ظاهراً از آلودگی گناه پاک سازد، 14چقدر بيشتر خون مسيح، زندگی و قلب ما را دگرگون خواهد ساخت. قربانی مسيح ما را از شريعت و احكام بی‌روح سابق رهايی می‌دهد و در ما اين ميل را ايجاد می‌كند كه با اشتياق قلبی خدا را خدمت كنيم. زيرا مسيح نيز كه كامل و بدون گناه بود، به كمک روح پاک و ابدی خدا، خود را با كمال ميل به خدا تقديم كرد تا در راه گناهان ما فدا شود.

15به اين ترتيب، مسيح با اين پيمان جديد آمد تا تمام كسانی كه از جانب خدا دعوت شده‌اند، بتوانند به سوی او آمده، بركات ابدی موعود را بيابند؛ زيرا مسيح در راه گناهان ايشان فدا شد تا ايشان را از مجازات گناهانی كه در چارچوب شريعت قديم مرتكب شده‌اند، آزاد سازد.

16زمانی كه وصيتی از كسی باقی می‌ماند، پيش از آنكه ارث تقسيم شود، بايد ابتدا فوت وصيت‌كننده ثابت گردد. 17به عبارت ديگر، وصيت‌نامه فقط بعد از مرگ وصيت‌كننده اعتبار می‌يابد، و تا زمانی كه او زنده است، هيچيک از وارثين نمی‌تواند سهم خود را دريافت كند.

18به همين دليل، حتی پيش از آنكه پيمان قديم به مرحله اجرا درآيد، به نشان جانبازی مسيح، خون پاشيده شد. 19به اين ترتيب كه موسی ابتدا تمام احكام خدا را به قوم اسرائيل اعلام كرد؛ سپس خون گوساله‌ها و بزها را گرفت و با آب و گياه زوفا و پشم قرمز، بر كتاب تورات و بر سر مردم پاشيد، 20و گفت: «اين خون، نشان آن عهد و پيمانی است كه خدا عطا كرده و می‌خواهد از آن اطاعت نماييد.» 21سپس به همان صورت، بر خيمهٔ مقدس و تمام وسايلی كه در مراسم عبادت به کار می‌رفت، خون پاشيد. 22در واقع می‌توان گفت كه مطابق پيمان اول، تقريبا همه چيز بوسيلهٔ خون پاک می‌گردد و بدون ريختن خون، هيچ گناهی بخشيده نمی‌شود.

23به همين دليل، خيمهٔ مقدس زمينی و متعلقات آن، كه نمونه و سايه‌ای از چيزهای آسمانی بود، می‌بايست همه با خون حيوانات پاک گردند. 24زيرا مسيح به خود آسمان داخل شد تا از جانب ما در پيشگاه خدا حاضر باشد. بلی، او وارد پرستشگاه زمينی نشد، چون اين فقط نمونه‌ای از آن پرستشگاه آسمانی است. 25در ضمن، او خود را بارها قربانی نكرد، برخلاف آنچه كه كاهن اعظم بر روی زمين انجام می‌دهد؛ زيرا كاهن اعظم هر سال خون حيوانات قربانی را در مقدسترین جايگاه تقديم می‌كند. 26اگر چنين چيزی لازم می‌بود، مسيح مجبور می‌شد از ابتدای عالم تا حال دائماً جان خود را فدا كند. اما چنين نيست. مسيح يک بار و برای هميشه در اواخر عالم آمد تا جان خود را در راه ما فدا كند و تا ابد قدرت گناه را ريشه‌كن سازد. 27و درست همانگونه كه به حكم خداوند، انسان يک بار می‌ميرد و بعد از آن نوبت داوری می‌رسد، 28مسيح نيز فقط يک بار جان خود را فدا كرد تا به عنوان قربانی، گناهان بسياری را پاک كند. اما بار ديگر خواهد آمد تا آنانی را كه با صبر و اشتياق چشم به راه او هستند، نجات بخشد.