Daniel 6 – ASCB & CARS

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 6:1-28

Daniel Da Agyata Amena Mu

1Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. 2Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka. 3Na Daniel daa ne ho adi sɛ ɔnim de wɔ sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ, ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin.

4Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. 5Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.”

6Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana wo nkwa so! 7Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu. 8Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.” 9Ɛno enti, ɔhene Dario twerɛɛ mmara no.

10Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no. 11Mpanimfoɔ no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fie kɔhunuu no sɛ ɔrebɔ mpaeɛ resrɛ Onyankopɔn mmoa. 12Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?”

Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.”

13Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda atukɔfoɔ no mu baako no mmu wo, na ɔnni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Onyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da koro.” 14Ɔhene no tee saa no, ɛhaa no yie, na ɔdwene ho ara kɔsii anwummerɛ pɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.

15Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana, anidie mu, wonim sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara mu no, wɔntumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”

16Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”

17Wɔde boɔ bɛhinii amena no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔano ne atitire nsɔano sosɔɔ ɛboɔ no sɛdeɛ obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. 18Afei, ɔhene no sane kɔɔ nʼahemfie a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyedeɛ biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.

19Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20Ɔduruu hɔ no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ sɛ, “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?”

21Daniel teaam sɛ, “Nana wo nkwa so! 22Me Onyankopɔn somaa ne ɔbɔfoɔ bɛkataa agyata no ano, sɛdeɛ wɔrentumi nyɛ me bɔne, ɛfiri sɛ, wahunu sɛ, medi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara.” 23Ɔhene no ani gyee mmorosoɔ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu, enti woyii no. Wɔanhunu etwã biara wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ɔde ne ho too ne Onyankopɔn so. 24Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase.

25Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ:

“Ɛnsi mo yie mmoroso!

26“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn.

“Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔn

na ɔwɔ hɔ daa.

“Nʼahennie rensɛe da biara da.

Na ne tumi to rentwa da.

27“Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso;

ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ,

wɔ ɔsoro ne asase so.

“Ɔno na wagye Daniel

afiri agyata no nsam.”

28Enti, Daniel kɔɔ so dii yie wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so.

Священное Писание

Даниял 6:1-28

Даниял в яме со львами

1Дарию было угодно поставить сто двадцать сатрапов, чтобы они управляли всем царством, 2а над ними – трёх сановников, одним из которых был Даниял. Сатрапы должны были отчитываться перед ними, чтобы царю не было никакого ущерба. 3Скоро Даниял так отличился среди сатрапов и сановников своими исключительными качествами, что царь уже думал поставить его над всем царством. 4Тогда сановники и сатрапы стали искать предлог, чтобы обвинить Данияла в неверном ведении царских дел. Но это им не удалось, потому что он был верен, и за ним не находилось ни оплошности, ни вины. 5Наконец, эти люди сказали:

– Нам не найти предлога для обвинения Данияла, разве только в Законе его Бога.

6Тогда сановники и сатрапы пришли все вместе к царю и сказали:

– О царь Дарий, живи вечно! 7Все царские сановники, военачальники, сатрапы, советники и наместники согласны в том, что царю следует дать повеление и наложить запрет, чтобы всякого, кто станет в течение следующих тридцати дней молиться иному богу или человеку, кроме тебя, о царь, бросили бы в яму со львами. 8Итак, о царь, издай запрет и подпиши указ, чтобы его нельзя было изменить – по законам мидян и персов, которые не подлежат отмене.

9И царь Дарий подписал этот указ и запрет.

10Когда Даниял узнал о том, что этот указ подписан, он пошёл домой в верхнюю комнату, окна которой открывались в сторону Иерусалима. Три раза в день он опускался на колени и молился, славя своего Бога, как он делал это и прежде. 11А заговорщики пришли все вместе и нашли Данияла молящимся и просящим милости у Всевышнего. 12Тогда они пошли к царю и говорили с ним о его царском запрете:

– Разве ты не подписал запрета, по которому того, кто в течение следующих тридцати дней будет молиться иному богу или человеку, кроме тебя, о царь, бросили бы в яму со львами?

Царь ответил:

– Это воистину так, по законам мидян и персов, которые не подлежат отмене.

13Тогда они сказали царю:

– Даниял, один из иудейских пленников, не слушается ни тебя, о царь, ни запрета, который ты подписал. Он по-прежнему молится три раза в день.

14Услышав это, царь был очень расстроен; он решил спасти Данияла и до захода солнца всячески пытался это сделать.

15Но заговорщики все вместе пришли к царю и сказали ему:

– Вспомни, о царь, что по закону мидян и персов никакой запрет или повеление, изданные царём, изменить нельзя.

16Тогда царь отдал приказ, и Данияла привели и бросили в яму со львами. Царь сказал Даниялу:

– Пусть твой Бог, Которому ты верно служишь, спасёт тебя!

17Затем принесли камень и положили его на отверстие ямы, и царь запечатал его своей печатью и печатями вельмож, чтобы никто не освободил Данияла. 18Потом царь вернулся во дворец и постился весь вечер; он отказался от развлечений, и сон бежал от него.

19При первом свете зари царь встал и поспешил к яме со львами. 20Приблизившись к яме, он позвал Данияла жалобным голосом:

– Даниял, раб живого Бога, смог ли Всевышний, Которому ты верно служишь, спасти тебя от львов?

21Даниял ответил:

– О царь, живи вечно! 22Мой Бог послал ангела Своего и замкнул пасти львов. Они не причинили мне вреда, потому что я оказался безвинным перед Ним. Да и пред тобой, о царь, я никогда не делал никакого зла.

23Царь был чрезвычайно рад за него и приказал вытащить Данияла из ямы. Когда Данияла вытащили из ямы, на нём не оказалось никаких ран, потому что он верил в своего Бога.

24По приказу царя обвинителей Данияла привели и бросили в яму со львами, вместе с их детьми и жёнами. И прежде чем они упали на дно ямы, львы схватили их и разодрали на части.

25Тогда царь Дарий написал ко всем народам, племенам и людям всякого языка, живущим по всей земле:

«Да умножится ваше благополучие!

26Я издаю указ, чтобы в каждой части моего царства люди трепетали перед Богом Данияла и боялись Его.

Ведь Он – Бог живой,

вечно сущий;

царство Его не погибнет,

владычество не прекратится.

27Он избавляет и спасает,

творит знамения и чудеса

на небесах и на земле.

Он избавил Данияла

от челюстей львиных».

28И Даниял преуспевал во времена правления Дария и Кира Персидского6:28 Или: «Дария, то есть Кира Персидского»..